Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ma'ida   Aya:
قَالَ عِيسَى ٱبۡنُ مَرۡيَمَ ٱللَّهُمَّ رَبَّنَآ أَنزِلۡ عَلَيۡنَا مَآئِدَةٗ مِّنَ ٱلسَّمَآءِ تَكُونُ لَنَا عِيدٗا لِّأَوَّلِنَا وَءَاخِرِنَا وَءَايَةٗ مِّنكَۖ وَٱرۡزُقۡنَا وَأَنتَ خَيۡرُ ٱلرَّٰزِقِينَ
Mar’yam ba Yesu kaa sε: “Ye’Wura Tumfoͻ Nyankopͻn, (yεserε Wo sε), siane didi pono a aduane wͻ soͻ fri soro brε yεn, na εnyε anigyeε afahyεε ma yεn a ye’di kan ne wͻn a wͻ’bedi yεn akyi sε nsεnkyerεnee a efri Wo hɔ; Na bͻ yεn akͻnhoma. Nokorε sε, Wo na Wobͻ (abͻdeε nyinaa) akͻnhoma pa.
Tafsiran larabci:
قَالَ ٱللَّهُ إِنِّي مُنَزِّلُهَا عَلَيۡكُمۡۖ فَمَن يَكۡفُرۡ بَعۡدُ مِنكُمۡ فَإِنِّيٓ أُعَذِّبُهُۥ عَذَابٗا لَّآ أُعَذِّبُهُۥٓ أَحَدٗا مِّنَ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nyankopͻn kaa sε: “Meresiane de abrε mo, na momu obi a εno akyi no ͻbeyi boniayε no deε nokorε sε, Mεtwe n’aso bi a Mentwe obiara (aso saa) wͻ amansan no nyinaa mu.
Tafsiran larabci:
وَإِذۡ قَالَ ٱللَّهُ يَٰعِيسَى ٱبۡنَ مَرۡيَمَ ءَأَنتَ قُلۡتَ لِلنَّاسِ ٱتَّخِذُونِي وَأُمِّيَ إِلَٰهَيۡنِ مِن دُونِ ٱللَّهِۖ قَالَ سُبۡحَٰنَكَ مَا يَكُونُ لِيٓ أَنۡ أَقُولَ مَا لَيۡسَ لِي بِحَقٍّۚ إِن كُنتُ قُلۡتُهُۥ فَقَدۡ عَلِمۡتَهُۥۚ تَعۡلَمُ مَا فِي نَفۡسِي وَلَآ أَعۡلَمُ مَا فِي نَفۡسِكَۚ إِنَّكَ أَنتَ عَلَّٰمُ ٱلۡغُيُوبِ
Na kae εberε a Nyankopͻn bεka no wͻ (Atemmuda) sε: “Mar’yam ba Yesu, wona woka kyerεε adasamma sε: “Monfa me (Yesu) ne me maame nyε anyame mmienu nka Nyankopͻn ho no?” Yesu bεka sε: “Kronkron Hene ne Wo (Awurade). Menni ho kwan sε mεka asεm a menni ho kwan sε meka. Sε mekaae a, anka ampa sε Wonim. Wonim deε εwͻ m’akoma mu (nyinaa), na medeε mennim deε εwͻ W’akoma mu. Nokorε sε Wone (Otumfoͻ) a Wonim Asumade no nyinaa.
Tafsiran larabci:
مَا قُلۡتُ لَهُمۡ إِلَّا مَآ أَمَرۡتَنِي بِهِۦٓ أَنِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ رَبِّي وَرَبَّكُمۡۚ وَكُنتُ عَلَيۡهِمۡ شَهِيدٗا مَّا دُمۡتُ فِيهِمۡۖ فَلَمَّا تَوَفَّيۡتَنِي كُنتَ أَنتَ ٱلرَّقِيبَ عَلَيۡهِمۡۚ وَأَنتَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدٌ
Mannka hwee ankyerε wͻn ka deε Wohyεε me, (sε menka) sε: “Monsom Nyankopͻn, Me Wura ne monso mo Wura. Medi wͻn ho adanseε wͻ mmerε tenten a na mewͻ wͻn mu, na mmom εberε a Wofaa me no deε, Wona na Wowεn wͻn, na Wo na Wodi biribiara ho adanseε.”
Tafsiran larabci:
إِن تُعَذِّبۡهُمۡ فَإِنَّهُمۡ عِبَادُكَۖ وَإِن تَغۡفِرۡ لَهُمۡ فَإِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Sε Wobεtwe wͻn aso a, nokorε sɛ Wo nkoa ne wͻn, sε Wode wͻn bͻne bεkyε wͻn nso a, εyε nokorε sε, Wone Otumfoͻ a Wotumi ade nyinaa yε, na Wone Onyansafoͻ no.
Tafsiran larabci:
قَالَ ٱللَّهُ هَٰذَا يَوۡمُ يَنفَعُ ٱلصَّٰدِقِينَ صِدۡقُهُمۡۚ لَهُمۡ جَنَّٰتٞ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۖ رَّضِيَ ٱللَّهُ عَنۡهُمۡ وَرَضُواْ عَنۡهُۚ ذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
Nyankopͻn bεka sε: “Ɛnnε ne Ɛda a Nokorεfoͻ no nokorεdie no ho bεba mfasoͻ ama wͻn wͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε (no mu); emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Nyankopͻn agye wͻn atom, εna wͻn nso agye no atom, na εno ne nkonimdie kεseε no.
Tafsiran larabci:
لِلَّهِ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا فِيهِنَّۚ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرُۢ
Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mu no nyinaa ahennie wͻ Nyankopͻn, na Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ma'ida
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa