Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ma'ida   Aya:
۞ يَوۡمَ يَجۡمَعُ ٱللَّهُ ٱلرُّسُلَ فَيَقُولُ مَاذَآ أُجِبۡتُمۡۖ قَالُواْ لَا عِلۡمَ لَنَآۖ إِنَّكَ أَنتَ عَلَّٰمُ ٱلۡغُيُوبِ
Ɛda no a Nyankopͻn bεboa Asomafoͻ no nyinaa ano aka akyerε wͻn sε: “Sεn na (amanfoͻ a yε’somaa mo wͻ wͻn hͻ no) si gyee mo soᴐ?” Wͻ’bεka sε: “Yε’deε ye’nni ho nimdeε. Nokorε sε Wone Kokoa mu asεm ho Nimdefoͻ no’’
Tafsiran larabci:
إِذۡ قَالَ ٱللَّهُ يَٰعِيسَى ٱبۡنَ مَرۡيَمَ ٱذۡكُرۡ نِعۡمَتِي عَلَيۡكَ وَعَلَىٰ وَٰلِدَتِكَ إِذۡ أَيَّدتُّكَ بِرُوحِ ٱلۡقُدُسِ تُكَلِّمُ ٱلنَّاسَ فِي ٱلۡمَهۡدِ وَكَهۡلٗاۖ وَإِذۡ عَلَّمۡتُكَ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحِكۡمَةَ وَٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَۖ وَإِذۡ تَخۡلُقُ مِنَ ٱلطِّينِ كَهَيۡـَٔةِ ٱلطَّيۡرِ بِإِذۡنِي فَتَنفُخُ فِيهَا فَتَكُونُ طَيۡرَۢا بِإِذۡنِيۖ وَتُبۡرِئُ ٱلۡأَكۡمَهَ وَٱلۡأَبۡرَصَ بِإِذۡنِيۖ وَإِذۡ تُخۡرِجُ ٱلۡمَوۡتَىٰ بِإِذۡنِيۖ وَإِذۡ كَفَفۡتُ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ عَنكَ إِذۡ جِئۡتَهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡهُمۡ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّا سِحۡرٞ مُّبِينٞ
Kae εberε a Nyankopͻn bεka (no wͻ Atemmuda) sε: “Mar’yam ba Yesu, kae M’adom a εwͻ wo soͻ ne wo maame nso soͻ, εberε a Mede Honhom Kronkron no hyεε wo den, maa wo kasaa wͻ tanaa mu ne wopanin berε mu, na Mekyerεε wo Nwoma no ne Nimdeε ne Tora ne Injeel, ne εberε a na wode nԑteε yε anomaa sε anomaa sεso home gu ne mu ma εdane anomaa wͻ M’akwamma mu, na wote anifirafoͻ ani, sa akwatafoͻ nso yadeε wͻ M’akwamma mu, ne εberε a wonyanee owufoͻ no wͻ M’akwamma mu, ne εberε a Metwee Israel mma no nsa frii wo soͻ wͻ berε a wode nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn, na wͻn mu boniayεfoͻ no kaa sε: “Nokorε sε, woi deε εyε nkonyaa pefee”.
Tafsiran larabci:
وَإِذۡ أَوۡحَيۡتُ إِلَى ٱلۡحَوَارِيِّـۧنَ أَنۡ ءَامِنُواْ بِي وَبِرَسُولِي قَالُوٓاْ ءَامَنَّا وَٱشۡهَدۡ بِأَنَّنَا مُسۡلِمُونَ
Kae εberε a Meyi kyerεε Asuafoͻ no sε: “Monye Me ni na monye Me Somafoͻ no nso ni. Wͻ’kaa sε: “Y’agye adi, enti di ho adanseε sε, yε’deε yε’yε Muslimifoͻ”.
Tafsiran larabci:
إِذۡ قَالَ ٱلۡحَوَارِيُّونَ يَٰعِيسَى ٱبۡنَ مَرۡيَمَ هَلۡ يَسۡتَطِيعُ رَبُّكَ أَن يُنَزِّلَ عَلَيۡنَا مَآئِدَةٗ مِّنَ ٱلسَّمَآءِۖ قَالَ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ
Kae εberε a Asuafoͻ no kaa sε: “Mar’yam ba Yesu, enti wo Wura Nyankopͻn betumi asiane aduane afri soro abrε yεn?” (Yesu) kaa sε: “Monsuro Nyankopͻn, sε moyε agyidiefoͻ ampa a”.
Tafsiran larabci:
قَالُواْ نُرِيدُ أَن نَّأۡكُلَ مِنۡهَا وَتَطۡمَئِنَّ قُلُوبُنَا وَنَعۡلَمَ أَن قَدۡ صَدَقۡتَنَا وَنَكُونَ عَلَيۡهَا مِنَ ٱلشَّٰهِدِينَ
Wͻ’kaa sε: “Yεpε sε yedi bie ma y’akoma tͻ yεn yεm na yehunu sε ampa, nokorε na w’aka akyerε yεn no, sεdeε yεn nso yε’bedi ho adanseε”
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ma'ida
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa