Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ma'ida   Aya:
وَلَوۡ أَنَّ أَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ ءَامَنُواْ وَٱتَّقَوۡاْ لَكَفَّرۡنَا عَنۡهُمۡ سَيِّـَٔاتِهِمۡ وَلَأَدۡخَلۡنَٰهُمۡ جَنَّٰتِ ٱلنَّعِيمِ
Sε Nyamesom ho Nwomanimfoͻ no regye adi, asuro Nyame a, anka Yε’bεpepa wͻn bͻne afri wͻn so na Yε’de wͻn akͻ anigyeε Aheman no mu.
Tafsiran larabci:
وَلَوۡ أَنَّهُمۡ أَقَامُواْ ٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَ وَمَآ أُنزِلَ إِلَيۡهِم مِّن رَّبِّهِمۡ لَأَكَلُواْ مِن فَوۡقِهِمۡ وَمِن تَحۡتِ أَرۡجُلِهِمۚ مِّنۡهُمۡ أُمَّةٞ مُّقۡتَصِدَةٞۖ وَكَثِيرٞ مِّنۡهُمۡ سَآءَ مَا يَعۡمَلُونَ
Sε anka wͻ’de Tora ne Injeel no ne deε yasiane afri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aberε wͻn no reyε adwuma a, anka wͻ’bedidi afri wͻn apampamu ne wͻn nan ase. Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻ’yε apapafoͻ, na wͻn mu dodoͻ no deε dwuma bͻne paa na wͻ’die.
Tafsiran larabci:
۞ يَٰٓأَيُّهَا ٱلرَّسُولُ بَلِّغۡ مَآ أُنزِلَ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَۖ وَإِن لَّمۡ تَفۡعَلۡ فَمَا بَلَّغۡتَ رِسَالَتَهُۥۚ وَٱللَّهُ يَعۡصِمُكَ مِنَ ٱلنَّاسِۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Ɔsomafoͻ (Muhammad), bͻ deε yasiane fri wo Wura Nyankopͻn hͻ ama woͻ no ho dawuro. Sε woannyε a, εneε na wommͻͻ N’asεm no ho dawuro. Onyankopͻn bεbͻ wo ho ban afri nnipa (nsam). Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa boniayεfoͻ no kwan.
Tafsiran larabci:
قُلۡ يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ لَسۡتُمۡ عَلَىٰ شَيۡءٍ حَتَّىٰ تُقِيمُواْ ٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَ وَمَآ أُنزِلَ إِلَيۡكُم مِّن رَّبِّكُمۡۗ وَلَيَزِيدَنَّ كَثِيرٗا مِّنۡهُم مَّآ أُنزِلَ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَ طُغۡيَٰنٗا وَكُفۡرٗاۖ فَلَا تَأۡسَ عَلَى ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡكَٰفِرِينَ
(Nkͻmhyεni) ka sε: “Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, monni nyinasoͻ biara (wͻ Nyamesom mu), gyesε mode Tora no ne Injeel no ne deε yasiane afri mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo no yε adwuma. Nanso Adiyisεm a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no ma wͻn mu dodoͻ no ara kͻso te atua, san yi boniayε. Enti hwε na woanni amanfoͻ boniayεfoͻ no ho awerεhoͻ.
Tafsiran larabci:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَٱلَّذِينَ هَادُواْ وَٱلصَّٰبِـُٔونَ وَٱلنَّصَٰرَىٰ مَنۡ ءَامَنَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا فَلَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ
Nokorε sε wͻn a wͻ’agye adie no, ne wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ ne Sabianfoͻ ne Kristofoͻ no, obiara a ͻgyee Nyankopͻn ne Da a etwatoͻ no diiε, na odii dwuma pa no, (Daakye Atemmuda no) ehu biara mma wͻn so na wͻn werε nso nnho.
Tafsiran larabci:
لَقَدۡ أَخَذۡنَا مِيثَٰقَ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ وَأَرۡسَلۡنَآ إِلَيۡهِمۡ رُسُلٗاۖ كُلَّمَا جَآءَهُمۡ رَسُولُۢ بِمَا لَا تَهۡوَىٰٓ أَنفُسُهُمۡ فَرِيقٗا كَذَّبُواْ وَفَرِيقٗا يَقۡتُلُونَ
Ampa sε Yε’gyee apam fri Israel mma no hͻ, na Yε’somaa asomafoͻ baa wͻn hͻ. Ԑberε biara a ͻsomafoͻ bi de deε εnyε wͻn akoma apεdeε bεbrε wͻn no (asomafoͻ no mu) fekuo bi wͻ hͻ a wͻ’buu wͻn sε atorofoͻ, na fekuo bi nso deε wͻ’kum wͻn.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ma'ida
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa