Check out the new design

Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel. * - Ishakiro ry'ibisobanuro

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Ibisobanuro by'amagambo Isura: Al A’araf   Umurongo:
أُبَلِّغُكُمۡ رِسَٰلَٰتِ رَبِّي وَأَنَا۠ لَكُمۡ نَاصِحٌ أَمِينٌ
Me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na meyε ofutufo pa nokwafoͻ ma mo.
Ibisobanuro by'icyarabu:
أَوَعَجِبۡتُمۡ أَن جَآءَكُمۡ ذِكۡرٞ مِّن رَّبِّكُمۡ عَلَىٰ رَجُلٖ مِّنكُمۡ لِيُنذِرَكُمۡۚ وَٱذۡكُرُوٓاْ إِذۡ جَعَلَكُمۡ خُلَفَآءَ مِنۢ بَعۡدِ قَوۡمِ نُوحٖ وَزَادَكُمۡ فِي ٱلۡخَلۡقِ بَصۜۡطَةٗۖ فَٱذۡكُرُوٓاْ ءَالَآءَ ٱللَّهِ لَعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ
Anaasε εyε mo nwanwa sε Afutusεm firi mo Wura Nyankopͻn hͻ nam mo mu nipa bi so aba mo hͻ sε ͻmεbͻ mo kͻkͻ? Monkae εberε a Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ Noa nkorͻfoͻ no akyi, na Ɔmaa mo nkͻsoͻ wͻ abͻdeε (a atwa moho ahyia) no mu. Enti monkae Nyankopͻn adom, sεdeε mobɛdi nkonim.
Ibisobanuro by'icyarabu:
قَالُوٓاْ أَجِئۡتَنَا لِنَعۡبُدَ ٱللَّهَ وَحۡدَهُۥ وَنَذَرَ مَا كَانَ يَعۡبُدُ ءَابَآؤُنَا فَأۡتِنَا بِمَا تَعِدُنَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Wͻkaa sε: “Wobaa yεn hͻ sεdeε yεbεsom Nyankopͻn nko ara, na yεbɛgyae deε na y’agyanom som? Ɛneε fa deε worehyε yεn ho bͻ no bra, sε woka nokwafoͻ no ho ampa a”.
Ibisobanuro by'icyarabu:
قَالَ قَدۡ وَقَعَ عَلَيۡكُم مِّن رَّبِّكُمۡ رِجۡسٞ وَغَضَبٌۖ أَتُجَٰدِلُونَنِي فِيٓ أَسۡمَآءٖ سَمَّيۡتُمُوهَآ أَنتُمۡ وَءَابَآؤُكُم مَّا نَزَّلَ ٱللَّهُ بِهَا مِن سُلۡطَٰنٖۚ فَٱنتَظِرُوٓاْ إِنِّي مَعَكُم مِّنَ ٱلۡمُنتَظِرِينَ
Ɔkaa sε: “Nokorε asotwee ne abufuo firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo so. Moregye me akyinnye wͻ (abosom) din a mo ne moagya nom atotoͻ no ho, abrɛ a Nyankopͻn nsanee tumi biara wɔ ho? Eneɛ montwεn, na meka mo ne wͻn a wͻretwεn no ho.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَأَنجَيۡنَٰهُ وَٱلَّذِينَ مَعَهُۥ بِرَحۡمَةٖ مِّنَّا وَقَطَعۡنَا دَابِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَاۖ وَمَا كَانُواْ مُؤۡمِنِينَ
Enti Yεde ahummͻborͻ a ɛfiri Yεn hͻ no gyee no ne wͻn a wͻka ne ho no nkwa. Na Yεhyee wͻn a wͻfaa Yεn Nsεm no atorͻsεm no ase. Na (saa nkorͻfoͻ no) nyε agyidiefoͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَإِلَىٰ ثَمُودَ أَخَاهُمۡ صَٰلِحٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥۖ قَدۡ جَآءَتۡكُم بَيِّنَةٞ مِّن رَّبِّكُمۡۖ هَٰذِهِۦ نَاقَةُ ٱللَّهِ لَكُمۡ ءَايَةٗۖ فَذَرُوهَا تَأۡكُلۡ فِيٓ أَرۡضِ ٱللَّهِۖ وَلَا تَمَسُّوهَا بِسُوٓءٖ فَيَأۡخُذَكُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Samuudfoͻ no nso (Yεsomaa) wͻn nua Soalih maa no kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa sε (Nokorε) pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; wei yε Nyankopͻn yoma bedeε a ͻyε nsεnkyerεnee ma mo; enti monnyae no ma no nnidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε na moanyε no bͻne, anyε saa a asotwee a εyε ya paa bεsͻ mo mu.
Ibisobanuro by'icyarabu:
 
Ibisobanuro by'amagambo Isura: Al A’araf
Urutonde rw'amasura numero y'urupapuro
 
Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel. - Ishakiro ry'ibisobanuro

Byasobanuwe na Sheikh Haroun Ismaeel.

Gufunga