Check out the new design

Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel. * - Ishakiro ry'ibisobanuro

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Ibisobanuro by'amagambo Isura: Al Baqarat   Umurongo:
قَالُواْ ٱدۡعُ لَنَا رَبَّكَ يُبَيِّن لَّنَا مَا هِيَ إِنَّ ٱلۡبَقَرَ تَشَٰبَهَ عَلَيۡنَا وَإِنَّآ إِن شَآءَ ٱللَّهُ لَمُهۡتَدُونَ
Wͻ’kaa sε: “(Mose), frε wo Wura Nyankopɔn ma yεn na Ɔnkyerε yεn sεdeε osi teε, efrisε anantwie nyinaa sesε ma yεn, na sε Nyankopɔn pε a, ampa sε yebenya kwankyerε“.
Ibisobanuro by'icyarabu:
قَالَ إِنَّهُۥ يَقُولُ إِنَّهَا بَقَرَةٞ لَّا ذَلُولٞ تُثِيرُ ٱلۡأَرۡضَ وَلَا تَسۡقِي ٱلۡحَرۡثَ مُسَلَّمَةٞ لَّا شِيَةَ فِيهَاۚ قَالُواْ ٱلۡـَٰٔنَ جِئۡتَ بِٱلۡحَقِّۚ فَذَبَحُوهَا وَمَا كَادُواْ يَفۡعَلُونَ
(Mose) kaa sε: “Ɔse ɔyε nantwi-bedeε a yεmmerε n’ase mma no mfuntam asaase na onngugu mfudeε so nsuo, neho tua no, εdεm biara nni neho”. (Mose nkorɔfoɔ no) kaa sε: “Afei na wode nokorε no aba”. Enti wͻ’kum (nantwie) no wͻ aberε a na anka wɔ’mpεsε wͻ’yε.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَإِذۡ قَتَلۡتُمۡ نَفۡسٗا فَٱدَّٰرَٰءۡتُمۡ فِيهَاۖ وَٱللَّهُ مُخۡرِجٞ مَّا كُنتُمۡ تَكۡتُمُونَ
Na monkae εberε a mokum onipa bi na afei mogyee ho akyinnyeε (wͻ nea okum no no ho) abrԑ a Nyankopͻn bεda deε mode asuma no adi.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَقُلۡنَا ٱضۡرِبُوهُ بِبَعۡضِهَاۚ كَذَٰلِكَ يُحۡيِ ٱللَّهُ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَيُرِيكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ لَعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ
Enti Yε’kaa sε: “Monfa (nantwie no nam no) bi mɔ (owufoɔ) no honam. Saa ara na Nyankopͻn nyane awufoͻ no; na Ɔkyerεkyerε Nensεm no mu dema mo sεdeε mobεte aseε.
Ibisobanuro by'icyarabu:
ثُمَّ قَسَتۡ قُلُوبُكُم مِّنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ فَهِيَ كَٱلۡحِجَارَةِ أَوۡ أَشَدُّ قَسۡوَةٗۚ وَإِنَّ مِنَ ٱلۡحِجَارَةِ لَمَا يَتَفَجَّرُ مِنۡهُ ٱلۡأَنۡهَٰرُۚ وَإِنَّ مِنۡهَا لَمَا يَشَّقَّقُ فَيَخۡرُجُ مِنۡهُ ٱلۡمَآءُۚ وَإِنَّ مِنۡهَا لَمَا يَهۡبِطُ مِنۡ خَشۡيَةِ ٱللَّهِۗ وَمَا ٱللَّهُ بِغَٰفِلٍ عَمَّا تَعۡمَلُونَ
Afei ԑno akyiri no moakoma yεε den tesε boͻ; anaa εyεε den mpo kyεn saa. Nokorε sε εboͻ no bi wɔhɔ a nsubɔnten puepue fri mu, ebi nso wͻ hͻ a etumi dwidwa ma nsuo fri mu, ebi nso wͻ hͻ a Nyamesuro nti esiane (kͻ fͻm). Onyankopͻn deε Ommuu N’ani nguu deε moyε no so.
Ibisobanuro by'icyarabu:
۞ أَفَتَطۡمَعُونَ أَن يُؤۡمِنُواْ لَكُمۡ وَقَدۡ كَانَ فَرِيقٞ مِّنۡهُمۡ يَسۡمَعُونَ كَلَٰمَ ٱللَّهِ ثُمَّ يُحَرِّفُونَهُۥ مِنۢ بَعۡدِ مَا عَقَلُوهُ وَهُمۡ يَعۡلَمُونَ
(Agyidiefoͻ), enti mowͻ anidaasoᴐ sε (Yudafoͻ) no bεgye mo adi aberε a wͻn mu fekuo bi tie Nyankopͻn asεm no wie, te aseε a afei wͻ’sesa (asεm) no wͻ aberε a wͻ’nim?
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَإِذَا لَقُواْ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ قَالُوٓاْ ءَامَنَّا وَإِذَا خَلَا بَعۡضُهُمۡ إِلَىٰ بَعۡضٖ قَالُوٓاْ أَتُحَدِّثُونَهُم بِمَا فَتَحَ ٱللَّهُ عَلَيۡكُمۡ لِيُحَآجُّوكُم بِهِۦ عِندَ رَبِّكُمۡۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Sε wͻ’hyia wͻn a wͻ’agye adie no a deε wͻ’ka ne sε: “Yεgye di”. Sε εka wͻn ho wͻn ho nko ara nso a, deε wͻ’ka ne sε: “Mone wͻn redi (Muhammad ho Adiyisεm) a Nyankopͻn ayi ama mo (wͻ mo Nwoma no mu) no ho nkͻmmͻ ama wͻ’de ayε nyinasoͻ atia mo wͻ mo Wura Nyankopͻn anim (wͻ Atemmuda)? Adεn monni adwen?
Ibisobanuro by'icyarabu:
 
Ibisobanuro by'amagambo Isura: Al Baqarat
Urutonde rw'amasura numero y'urupapuro
 
Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel. - Ishakiro ry'ibisobanuro

Byasobanuwe na Sheikh Haroun Ismaeel.

Gufunga