Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ahzab   Aya:
مِّنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ رِجَالٞ صَدَقُواْ مَا عَٰهَدُواْ ٱللَّهَ عَلَيۡهِۖ فَمِنۡهُم مَّن قَضَىٰ نَحۡبَهُۥ وَمِنۡهُم مَّن يَنتَظِرُۖ وَمَا بَدَّلُواْ تَبۡدِيلٗا
Nnipa no bi wͻ agyidiefoͻ no mu a wͻdi nokorε wͻ apam a wͻ ne Nyankopͻn apam no ho. Ebinom nso wͻ hͻ a wͻadi wͻn bͻhyε no so (awu sε mogya ho adansefoͻ), na ebi nom nso wͻ hͻ a wͻretwεn, na wͻnsesaa (wͻn adwen wͻ bͻhyε) no ho koraa.
Tafsiran larabci:
لِّيَجۡزِيَ ٱللَّهُ ٱلصَّٰدِقِينَ بِصِدۡقِهِمۡ وَيُعَذِّبَ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ إِن شَآءَ أَوۡ يَتُوبَ عَلَيۡهِمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Sεdeε Nyankopͻn bɛtua nokorεfoͻ no nokorεdie no so ka, na sε Ɔpε a Watwe nkͻnkͻnsafoͻ no aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmɔborɔhunufoɔ Hene.
Tafsiran larabci:
وَرَدَّ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِغَيۡظِهِمۡ لَمۡ يَنَالُواْ خَيۡرٗاۚ وَكَفَى ٱللَّهُ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ ٱلۡقِتَالَۚ وَكَانَ ٱللَّهُ قَوِيًّا عَزِيزٗا
Boniayεfoͻ no abufuhyeε no mu no, Nyankopͻn atwe wͻn asan akyire; wͻannya mfasoͻ biara wͻ so. Nyankopͻn som bo ma agyidiefoͻ no wͻ ͻkoo mu. Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
Tafsiran larabci:
وَأَنزَلَ ٱلَّذِينَ ظَٰهَرُوهُم مِّنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ مِن صَيَاصِيهِمۡ وَقَذَفَ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلرُّعۡبَ فَرِيقٗا تَقۡتُلُونَ وَتَأۡسِرُونَ فَرِيقٗا
Nyamesom ho Nwomanimfoͻ a wͻboaa (atamfoͻ) no, Nyankopͻn sianee wͻn firii wͻn aban denden no so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu; mokum ebinom na mofaa ebinom nso nnomum.
Tafsiran larabci:
وَأَوۡرَثَكُمۡ أَرۡضَهُمۡ وَدِيَٰرَهُمۡ وَأَمۡوَٰلَهُمۡ وَأَرۡضٗا لَّمۡ تَطَـُٔوهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٗا
(Nyankopͻn) maa motenaa wͻn anan mu wͻ wͻn nsaase so, ne wͻn afie mu, ne wͻn agyapadeε ne nsaase a mo nan nsii so da so. Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
Tafsiran larabci:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ قُل لِّأَزۡوَٰجِكَ إِن كُنتُنَّ تُرِدۡنَ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا وَزِينَتَهَا فَتَعَالَيۡنَ أُمَتِّعۡكُنَّ وَأُسَرِّحۡكُنَّ سَرَاحٗا جَمِيلٗا
Nkͻmhyεni, ka kyerε w'ayerenom sε: “Sε mopε wiase asetena ne emu afεεfεdeε a, εneε mommra na mensum mo, na mama moakͻ no wͻ kwanpa so.
Tafsiran larabci:
وَإِن كُنتُنَّ تُرِدۡنَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَٱلدَّارَ ٱلۡأٓخِرَةَ فَإِنَّ ٱللَّهَ أَعَدَّ لِلۡمُحۡسِنَٰتِ مِنكُنَّ أَجۡرًا عَظِيمٗا
Na mmom sε mopε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no ne Daakye asetena (pa) no nso a, εneε Nyankopͻn asiesie akatua a εsom bo paa ama mo mu apapafoͻ no”.
Tafsiran larabci:
يَٰنِسَآءَ ٱلنَّبِيِّ مَن يَأۡتِ مِنكُنَّ بِفَٰحِشَةٖ مُّبَيِّنَةٖ يُضَٰعَفۡ لَهَا ٱلۡعَذَابُ ضِعۡفَيۡنِۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٗا
Nkͻmhyεni ayerenom, mo mu nea ͻbɛyi suban bͻne bi adie no, yεde asotwee no bεbͻ ho mmmienu ama no. Ԑno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ahzab
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa