Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ahzab   Aya:

Al-Ahzaab

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ ٱتَّقِ ٱللَّهَ وَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقِينَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمٗا
Nkͻmhyεni, Suro Nyankopͻn, na entie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
Tafsiran larabci:
وَٱتَّبِعۡ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٗا
Di deε yɛayi ama woͻ a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a modie (nyinaa) ho amane bᴐfoᴐ.
Tafsiran larabci:
وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلٗا
Na fa wo ho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.
Tafsiran larabci:
مَّا جَعَلَ ٱللَّهُ لِرَجُلٖ مِّن قَلۡبَيۡنِ فِي جَوۡفِهِۦۚ وَمَا جَعَلَ أَزۡوَٰجَكُمُ ٱلَّٰٓـِٔي تُظَٰهِرُونَ مِنۡهُنَّ أُمَّهَٰتِكُمۡۚ وَمَا جَعَلَ أَدۡعِيَآءَكُمۡ أَبۡنَآءَكُمۡۚ ذَٰلِكُمۡ قَوۡلُكُم بِأَفۡوَٰهِكُمۡۖ وَٱللَّهُ يَقُولُ ٱلۡحَقَّ وَهُوَ يَهۡدِي ٱلسَّبِيلَ
Nyankopͻn nyεε akoma mmienu nhyεε onipa biara koko mu, na Ɔnyεε moyere-nom a mode “Iz’haar” gyae wͻn awadeε no sε mo maame, na Ɔnyεε wͻn a (wͻte monkyεn a) mofrε wͻn momma no sε momma (paa). Woi yε moara mo ano asεm, Onyankopͻn na Ɔka nokorε na Ɔno na Ɔkyerε kwan.
Tafsiran larabci:
ٱدۡعُوهُمۡ لِأٓبَآئِهِمۡ هُوَ أَقۡسَطُ عِندَ ٱللَّهِۚ فَإِن لَّمۡ تَعۡلَمُوٓاْ ءَابَآءَهُمۡ فَإِخۡوَٰنُكُمۡ فِي ٱلدِّينِ وَمَوَٰلِيكُمۡۚ وَلَيۡسَ عَلَيۡكُمۡ جُنَاحٞ فِيمَآ أَخۡطَأۡتُم بِهِۦ وَلَٰكِن مَّا تَعَمَّدَتۡ قُلُوبُكُمۡۚ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمًا
Monfa wͻn papanom (din) mfrε wͻn, εno na εyε paa wͻ Nyankopͻn anim; sε monnim wͻn papanom a, εneε wͻyε mo nuanom ne (mo) ayͻnkofoͻ wͻ Nyamesom mu. Bͻne (biara) nni mo so wͻ mfomsoͻ a moayε ho, na mmom (bͻne wͻ mo so wͻ) deε mo akoma boapa ayε. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.
Tafsiran larabci:
ٱلنَّبِيُّ أَوۡلَىٰ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ مِنۡ أَنفُسِهِمۡۖ وَأَزۡوَٰجُهُۥٓ أُمَّهَٰتُهُمۡۗ وَأُوْلُواْ ٱلۡأَرۡحَامِ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلَىٰ بِبَعۡضٖ فِي كِتَٰبِ ٱللَّهِ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُهَٰجِرِينَ إِلَّآ أَن تَفۡعَلُوٓاْ إِلَىٰٓ أَوۡلِيَآئِكُم مَّعۡرُوفٗاۚ كَانَ ذَٰلِكَ فِي ٱلۡكِتَٰبِ مَسۡطُورٗا
Nkͻmhyεni bεn agyidiefoͻ no paa kyεn wͻn ho wͻn ho, na ne yerenom yε (agyidiefoͻ no) maame. Na abusua-bogya bεn wͻn ho wͻn ho wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu kyεn agyidiefoͻ no ne atukͻfoͻ no, gyesε (ebia) moreyε ayεmyε bi ama mo ayͻnkofoͻ no. Saa na yɛatwerε no wͻ Nwoma no mu.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ahzab
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa