Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Al-Qasas   Ayah:
قَالَ إِنَّمَآ أُوتِيتُهُۥ عَلَىٰ عِلۡمٍ عِندِيٓۚ أَوَلَمۡ يَعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ قَدۡ أَهۡلَكَ مِن قَبۡلِهِۦ مِنَ ٱلۡقُرُونِ مَنۡ هُوَ أَشَدُّ مِنۡهُ قُوَّةٗ وَأَكۡثَرُ جَمۡعٗاۚ وَلَا يُسۡـَٔلُ عَن ذُنُوبِهِمُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Kora kaa sε: “Ɛnam me nimdeε a me wͻ so na me nsa kaeε“. Enti Kora nnim sε Nyankopͻn adikan asεe awoͻ ntoatoasoͻ bi wͻ n’anim a na wͻn ho yε den, san wͻ agyapadeε sen no? Yɛmmisa abͻneεfoͻ no bͻne ho asεm.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَخَرَجَ عَلَىٰ قَوۡمِهِۦ فِي زِينَتِهِۦۖ قَالَ ٱلَّذِينَ يُرِيدُونَ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا يَٰلَيۡتَ لَنَا مِثۡلَ مَآ أُوتِيَ قَٰرُونُ إِنَّهُۥ لَذُو حَظٍّ عَظِيمٖ
Enti Kora de n’ahosiesie pue kͻͻ ne nkorͻfoͻ no mu. Wͻn a wͻpε wiase asetena no kaa sε: “Na anka yεwͻ deε yεde ama Kora yi bi. Nokorε sε ͻwͻ agyapadeε kεse paa “.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ وَيۡلَكُمۡ ثَوَابُ ٱللَّهِ خَيۡرٞ لِّمَنۡ ءَامَنَ وَعَمِلَ صَٰلِحٗاۚ وَلَا يُلَقَّىٰهَآ إِلَّا ٱلصَّٰبِرُونَ
Wͻn a yɛama wͻn nimdeε no nso kaa sε: “Due nka mo! Nyankopͻn akatua no na εyε de ma obi a wagye adie na odi dwuma pa, na εnyε obiara na nensa bεka gyesε aboterεfoͻ no “.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَخَسَفۡنَا بِهِۦ وَبِدَارِهِ ٱلۡأَرۡضَ فَمَا كَانَ لَهُۥ مِن فِئَةٖ يَنصُرُونَهُۥ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَمَا كَانَ مِنَ ٱلۡمُنتَصِرِينَ
Enti Yεmaa asaase menee no, ne ne fie (nyinaa). Nanso wannya εdͻm bi ammoa no antia Nyankopͻn, na na ͻnka wͻn a wͻtumi bͻ wͻn ho ban no ho.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَأَصۡبَحَ ٱلَّذِينَ تَمَنَّوۡاْ مَكَانَهُۥ بِٱلۡأَمۡسِ يَقُولُونَ وَيۡكَأَنَّ ٱللَّهَ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦ وَيَقۡدِرُۖ لَوۡلَآ أَن مَّنَّ ٱللَّهُ عَلَيۡنَا لَخَسَفَ بِنَاۖ وَيۡكَأَنَّهُۥ لَا يُفۡلِحُ ٱلۡكَٰفِرُونَ
Wͻn a εnora na wͻnya Kora gyinaberε no a na anka wͻpε no, frii aseε kekaa sε: “Ei, nokorε sε Nyankopͻn ma N’akyεdeε no bu Ne nkoa no mu obia a Ɔpε so, εna (obi a Ɔpε no nso) Ɔde ma no nkakrakra; sε εnyε Nyankopͻn na Ͻdom yεn a, anka y’amem“. Ei, nokorε sε boniayεfoͻ no nni nkonim.
Arabic explanations of the Qur’an:
تِلۡكَ ٱلدَّارُ ٱلۡأٓخِرَةُ نَجۡعَلُهَا لِلَّذِينَ لَا يُرِيدُونَ عُلُوّٗا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فَسَادٗاۚ وَٱلۡعَٰقِبَةُ لِلۡمُتَّقِينَ
Saa Daakye asetena no, Yɛayε de ama wͻn a wͻnnyε ahomasoͻ wͻ asaase no soͻ, na wͻnni nsεmͻnee. Na awieε (pa) no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no.
Arabic explanations of the Qur’an:
مَن جَآءَ بِٱلۡحَسَنَةِ فَلَهُۥ خَيۡرٞ مِّنۡهَاۖ وَمَن جَآءَ بِٱلسَّيِّئَةِ فَلَا يُجۡزَى ٱلَّذِينَ عَمِلُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ إِلَّا مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Obi a ͻde papa bi bεba no ͻbɛnya papa a εkyεn saa, na obia ͻde bͻne bi bεba no nso, yɛntua wͻn a wͻyε bͻne no so ka, na mmom dwuma a na wͻdie no so na (yɛgyina tua wͻn ka).
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Al-Qasas
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close