Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Al-Qasas   Ayah:
قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ إِن جَعَلَ ٱللَّهُ عَلَيۡكُمُ ٱلَّيۡلَ سَرۡمَدًا إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ مَنۡ إِلَٰهٌ غَيۡرُ ٱللَّهِ يَأۡتِيكُم بِضِيَآءٍۚ أَفَلَا تَسۡمَعُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Moahunu, sε anka Nyankopͻn rema adesaeε atoatoa so ama mo (a adeε nkyee) akosi Wusͻreε da no a, hwan ne nyame wͻ Nyankopͻn akyi a ͻbetumi ama mo nhyerεnee? Adεn monnte anaa?
Arabic explanations of the Qur’an:
قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ إِن جَعَلَ ٱللَّهُ عَلَيۡكُمُ ٱلنَّهَارَ سَرۡمَدًا إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ مَنۡ إِلَٰهٌ غَيۡرُ ٱللَّهِ يَأۡتِيكُم بِلَيۡلٖ تَسۡكُنُونَ فِيهِۚ أَفَلَا تُبۡصِرُونَ
Ka sε: “Moahunu, sε anka Onyankopͻn rema adekyeε atoa so saa ara ama mo akosi Wusͻreε da no a, hwan ne nyame wͻ Onyankopͻn akyi a ͻbɛtumi ama mo adesaeε a mogye mo ahome wͻ mu no? Adεn monhunu anaa?”
Arabic explanations of the Qur’an:
وَمِن رَّحۡمَتِهِۦ جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ وَٱلنَّهَارَ لِتَسۡكُنُواْ فِيهِ وَلِتَبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِهِۦ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
N’ahummͻborͻ no mu bi ne sε, Wayε adesaeε ne adekyeε a mode gye mo ahome wͻ mu san de hwehwε N’adom wͻ mu, sεdeε mobɛyi ayε.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَيَوۡمَ يُنَادِيهِمۡ فَيَقُولُ أَيۡنَ شُرَكَآءِيَ ٱلَّذِينَ كُنتُمۡ تَزۡعُمُونَ
Kae Ɛda no a Ɔbεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: “Wͻn a na modwen sε wͻyε M’ahokafoͻ no wͻ hen?”
Arabic explanations of the Qur’an:
وَنَزَعۡنَا مِن كُلِّ أُمَّةٖ شَهِيدٗا فَقُلۡنَا هَاتُواْ بُرۡهَٰنَكُمۡ فَعَلِمُوٓاْ أَنَّ ٱلۡحَقَّ لِلَّهِ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Yɛbɛyi ͻdanseni afri ͻman biara mu, na Yɛaka sε: “Monfa mo nyinasoͻ mmra”. Enti wͻbɛhunu sε nokorε no wͻ Nyankopͻn (nko ara), na deε wͻbͻͻ wͻn trim (yͻeε no nyinaa) bɛtu ayera wͻn.
Arabic explanations of the Qur’an:
۞ إِنَّ قَٰرُونَ كَانَ مِن قَوۡمِ مُوسَىٰ فَبَغَىٰ عَلَيۡهِمۡۖ وَءَاتَيۡنَٰهُ مِنَ ٱلۡكُنُوزِ مَآ إِنَّ مَفَاتِحَهُۥ لَتَنُوٓأُ بِٱلۡعُصۡبَةِ أُوْلِي ٱلۡقُوَّةِ إِذۡ قَالَ لَهُۥ قَوۡمُهُۥ لَا تَفۡرَحۡۖ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ ٱلۡفَرِحِينَ
Nokorε sε, na Kora nso ka Mose nkorͻfoͻ no ho, nanso ͻmaa ne ho so wͻ wͻn so. Yεmaa no sika (ne mpempraneε) kεse maa εkͻ baa sε, nnipa kuo ahodenfoͻ paa mpo, (n’akoradeε) nsafoa no bεyε adesoa kεse ama wͻn. Ɛberε a ne nkorͻfoͻ no ka kyerεε no sε: “Entu wo ho; nokorε sε, Nyankopͻn mpε wͻn a wͻtu wͻn ho no asεm.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَٱبۡتَغِ فِيمَآ ءَاتَىٰكَ ٱللَّهُ ٱلدَّارَ ٱلۡأٓخِرَةَۖ وَلَا تَنسَ نَصِيبَكَ مِنَ ٱلدُّنۡيَاۖ وَأَحۡسِن كَمَآ أَحۡسَنَ ٱللَّهُ إِلَيۡكَۖ وَلَا تَبۡغِ ٱلۡفَسَادَ فِي ٱلۡأَرۡضِۖ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
Na fa deε Nyankopͻn de ama woͻ no hwehwε Daakye asetena no, na εmma wo werε mmfi wo kyεfa wͻ wiase, na yε papa (ma amanfoͻ) sεdeε Nyankopͻn ayε papa ama woͻ no, na εnhwehwε sε bͻne bεkͻ so wͻ asaase so. Nokorε sε Nyankopͻn mpε nsεmͻnedifoͻ no asεm.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Al-Qasas
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close