Check out the new design

クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel * - 対訳の目次

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

対訳 章: 高壁章   節:
قَالَ مَا مَنَعَكَ أَلَّا تَسۡجُدَ إِذۡ أَمَرۡتُكَۖ قَالَ أَنَا۠ خَيۡرٞ مِّنۡهُ خَلَقۡتَنِي مِن نَّارٖ وَخَلَقۡتَهُۥ مِن طِينٖ
Nyankopͻn kaa sε: “Ɛdeεn na asi wo kwan a wamfa w’anim ammutu fͻm wͻ aberε a Mahyε woͻ?” Ɔkaa sε: “Mekyεn no; Wo bͻͻ me firii gyem, εna Wo bͻͻ ͻno nso firii nεteε mu”.
アラビア語 クルアーン注釈:
قَالَ فَٱهۡبِطۡ مِنۡهَا فَمَا يَكُونُ لَكَ أَن تَتَكَبَّرَ فِيهَا فَٱخۡرُجۡ إِنَّكَ مِنَ ٱلصَّٰغِرِينَ
Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε sane firi ha kͻ, εnyε mma wo sε wobεyε ahomasoͻ wͻ ha; enti firi ha kͻ, nokorε sε woka wͻn a yɛabrε wͻn ase agu wͻn anim aseε no ho”.
アラビア語 クルアーン注釈:
قَالَ أَنظِرۡنِيٓ إِلَىٰ يَوۡمِ يُبۡعَثُونَ
(Iblis anaasε ͻbonsam) kaa sε: “Mame berε kͻpem Da a wͻn bɛwu asͻreε”.
アラビア語 クルアーン注釈:
قَالَ إِنَّكَ مِنَ ٱلۡمُنظَرِينَ
Nyankopͻn kaa sε: ”Woka wͻn a yɛama wͻn berε no ho “.
アラビア語 クルアーン注釈:
قَالَ فَبِمَآ أَغۡوَيۡتَنِي لَأَقۡعُدَنَّ لَهُمۡ صِرَٰطَكَ ٱلۡمُسۡتَقِيمَ
Iblis kaa sε: “Sεdeε Wabu me ͻyerafoͻ (anaa ͻbͻneεfoͻ) nti no, mεtena ase (atwεn) wͻn wͻ Wo kwan tenenee no mu “.
アラビア語 クルアーン注釈:
ثُمَّ لَأٓتِيَنَّهُم مِّنۢ بَيۡنِ أَيۡدِيهِمۡ وَمِنۡ خَلۡفِهِمۡ وَعَنۡ أَيۡمَٰنِهِمۡ وَعَن شَمَآئِلِهِمۡۖ وَلَا تَجِدُ أَكۡثَرَهُمۡ شَٰكِرِينَ
“Afei mɛfiri wͻn anim ne wͻn akyi ne wͻn nifa so ne wͻn benkum so aba wͻn so, na wonnya wͻn mu pii a wͻbɛyi (Wo) ayε.
アラビア語 クルアーン注釈:
قَالَ ٱخۡرُجۡ مِنۡهَا مَذۡءُومٗا مَّدۡحُورٗاۖ لَّمَن تَبِعَكَ مِنۡهُمۡ لَأَمۡلَأَنَّ جَهَنَّمَ مِنكُمۡ أَجۡمَعِينَ
Nyankopͻn kaa sε: “Firi hͻ kͻ wͻ animguaseε mu, yɛayi wo adi. Nokorε sε, wͻn mu biara a ͻbɛdi w’akyi no, Mede mo nyinaa bεhyε Ogya no mu ma.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَيَٰٓـَٔادَمُ ٱسۡكُنۡ أَنتَ وَزَوۡجُكَ ٱلۡجَنَّةَ فَكُلَا مِنۡ حَيۡثُ شِئۡتُمَا وَلَا تَقۡرَبَا هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةَ فَتَكُونَا مِنَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Adam, wo ne woyere montena Turo no mu, na monnidi nkͻpem faako a mopε (biara), na monhwε na moammεn saa dua yi na moankͻka abͻneεfoͻ no ho.
アラビア語 クルアーン注釈:
فَوَسۡوَسَ لَهُمَا ٱلشَّيۡطَٰنُ لِيُبۡدِيَ لَهُمَا مَا وُۥرِيَ عَنۡهُمَا مِن سَوۡءَٰتِهِمَا وَقَالَ مَا نَهَىٰكُمَا رَبُّكُمَا عَنۡ هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةِ إِلَّآ أَن تَكُونَا مَلَكَيۡنِ أَوۡ تَكُونَا مِنَ ٱلۡخَٰلِدِينَ
Nanso ͻbonsam daadaa wͻn sεdeε ͻbɛyi wͻn adagya a yεde asuma wͻn no adi akyerε wͻn, na ͻkaa sε: “Ɛnyε biribiara ho nti na mo Wura Nyankopͻn abra mo saa dua yi, na mmom sε anyε a na moakͻyε Soro abͻfoͻ anaa moakͻyε wͻn a wͻte nkwa mu afe bͻͻ no mu bi”.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَقَاسَمَهُمَآ إِنِّي لَكُمَا لَمِنَ ٱلنَّٰصِحِينَ
Odii nse kyerεε wͻn sε: “Nokorε sε, meyε ofutufo pa paa ma mo mmienu.”
アラビア語 クルアーン注釈:
فَدَلَّىٰهُمَا بِغُرُورٖۚ فَلَمَّا ذَاقَا ٱلشَّجَرَةَ بَدَتۡ لَهُمَا سَوۡءَٰتُهُمَا وَطَفِقَا يَخۡصِفَانِ عَلَيۡهِمَا مِن وَرَقِ ٱلۡجَنَّةِۖ وَنَادَىٰهُمَا رَبُّهُمَآ أَلَمۡ أَنۡهَكُمَا عَن تِلۡكُمَا ٱلشَّجَرَةِ وَأَقُل لَّكُمَآ إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ لَكُمَا عَدُوّٞ مُّبِينٞ
Enti ͻde naadaa maa wͻn hwee ase. Ɛberε a wͻkaa dua no (aba no bi) hwεeε no, wͻn adagya daa adi kyerεε wͻn, na wͻhyεε aseε kekaa Turo no mu nhahan no bi bobͻͻ mu katakataa wͻn ho so. Wͻn Wura Nyankopͻn frεε wͻn sε: “Mammra mo saa dua no, εna Meka kyerεε mo sε ͻbonsam yε mo tamfo pefee?”
アラビア語 クルアーン注釈:
 
対訳 章: 高壁章
章名の目次 ページ番号
 
クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel - 対訳の目次

Sheikh Haroun Ismaeel

閉じる