Check out the new design

クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel * - 対訳の目次

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

対訳 章: ユーヌス章   節:
إِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا وَرَضُواْ بِٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَٱطۡمَأَنُّواْ بِهَا وَٱلَّذِينَ هُمۡ عَنۡ ءَايَٰتِنَا غَٰفِلُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻnni Yεn nhyiamu (da) no ho anidaasoͻ, na wͻagye wiase asetena no ato mu, na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ ho no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no soͻ no,-
アラビア語 クルアーン注釈:
أُوْلَٰٓئِكَ مَأۡوَىٰهُمُ ٱلنَّارُ بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻn fie ne Amane hunu gyem no, εnam dwuma a wͻn nsa kaeε no ho nti.
アラビア語 クルアーン注釈:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ يَهۡدِيهِمۡ رَبُّهُم بِإِيمَٰنِهِمۡۖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهِمُ ٱلۡأَنۡهَٰرُ فِي جَنَّٰتِ ٱلنَّعِيمِ
Nokorε sε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn gyidie no bεkyerε wͻn kwan; nsubͻnten bεtene wͻ wͻn ase wͻ Anigyeε Aheman no mu.
アラビア語 クルアーン注釈:
دَعۡوَىٰهُمۡ فِيهَا سُبۡحَٰنَكَ ٱللَّهُمَّ وَتَحِيَّتُهُمۡ فِيهَا سَلَٰمٞۚ وَءَاخِرُ دَعۡوَىٰهُمۡ أَنِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Wͻn frε a wͻde bεfrε (Nyankopͻn) wͻ (Aheman) no mu ne sε: “Kronkron Hene Tweduampͻn Nyankopͻn!” Na wͻn nkyea wͻ mu hͻ ne sε:” Asomdwoeε.“ Na wͻn frε no nso awieeε ne sε. “Aseda wͻ Nyankopͻn, abͻdeε nyinaa Wura.
アラビア語 クルアーン注釈:
۞ وَلَوۡ يُعَجِّلُ ٱللَّهُ لِلنَّاسِ ٱلشَّرَّ ٱسۡتِعۡجَالَهُم بِٱلۡخَيۡرِ لَقُضِيَ إِلَيۡهِمۡ أَجَلُهُمۡۖ فَنَذَرُ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا فِي طُغۡيَٰنِهِمۡ يَعۡمَهُونَ
Sε Nyankopͻn pε ntεm yε nnipa bͻne, sεdeε Ɔyε papa ntεm ma wͻn no a, anka wͻn berε no aso. Nanso Yɛgyae wͻn a wͻnni anidaasoͻ no ma Yεn nhyiamu (da) no wͻ wͻn bͻne mu ma wͻkeka (kͻ tesε anifirafoͻ).
アラビア語 クルアーン注釈:
وَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ٱلضُّرُّ دَعَانَا لِجَنۢبِهِۦٓ أَوۡ قَاعِدًا أَوۡ قَآئِمٗا فَلَمَّا كَشَفۡنَا عَنۡهُ ضُرَّهُۥ مَرَّ كَأَن لَّمۡ يَدۡعُنَآ إِلَىٰ ضُرّٖ مَّسَّهُۥۚ كَذَٰلِكَ زُيِّنَ لِلۡمُسۡرِفِينَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Sε ͻhaw bi to onipa a, ͻda ne nkyεn mu anaasε ͻtena hͻ anaasε ɔgyina hͻ su frε Yεn, nasε Yεyi ͻhaw no firi ne so a, ɔtwam tesε deε ɔnsu mfrεε Yεn da wͻ ͻhaw a εtoo no no ho. Saa na Yεma dwuma a nsεmmͻnedifoͻ no die no yε wͻn fε.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَلَقَدۡ أَهۡلَكۡنَا ٱلۡقُرُونَ مِن قَبۡلِكُمۡ لَمَّا ظَلَمُواْ وَجَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ وَمَا كَانُواْ لِيُؤۡمِنُواْۚ كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Ampa sε, Yɛasεe awoͻ ntoatoasoͻ (pii) a wͻdii mo anim kan no, εberε a wͻyεε bͻne; wͻn asomafoͻ de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn, nanso wͻn annye anni. Saa na Yɛtua nnipa bͻnefoͻ no ka.
アラビア語 クルアーン注釈:
ثُمَّ جَعَلۡنَٰكُمۡ خَلَٰٓئِفَ فِي ٱلۡأَرۡضِ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ لِنَنظُرَ كَيۡفَ تَعۡمَلُونَ
Afei Yεyεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so wͻ wͻn akyi, sεdeε Yεbɛhunu dwuma a monso mobɛdie.
アラビア語 クルアーン注釈:
 
対訳 章: ユーヌス章
章名の目次 ページ番号
 
クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel - 対訳の目次

Sheikh Haroun Ismaeel

閉じる