Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'insan   Aya:
عَيۡنٗا يَشۡرَبُ بِهَا عِبَادُ ٱللَّهِ يُفَجِّرُونَهَا تَفۡجِيرٗا
Ɛyε asutire bi a Nyankopͻn nkoa no bεnom mu (nsuo), na εbεtene abu so.
Tafsiran larabci:
يُوفُونَ بِٱلنَّذۡرِ وَيَخَافُونَ يَوۡمٗا كَانَ شَرُّهُۥ مُسۡتَطِيرٗا
(Saa apapafoͻ no ne wͻn a) wͻdi wͻn bͻhyε soͻ, san suro Ɛda no a, emu bͻne trε kͻ akyirikyiri no.
Tafsiran larabci:
وَيُطۡعِمُونَ ٱلطَّعَامَ عَلَىٰ حُبِّهِۦ مِسۡكِينٗا وَيَتِيمٗا وَأَسِيرًا
Na wͻma ohiani ne awisiaa neɛ wakyiri no dedua aduane di, εnam Nyankopͻn ho dͻ nti.
Tafsiran larabci:
إِنَّمَا نُطۡعِمُكُمۡ لِوَجۡهِ ٱللَّهِ لَا نُرِيدُ مِنكُمۡ جَزَآءٗ وَلَا شُكُورًا
(Deε wͻka ne sε): Yε deε yεrema mo aduane adi de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam; yεnhwehwε akatua anaa aseda bi wͻ mo hͻ.
Tafsiran larabci:
إِنَّا نَخَافُ مِن رَّبِّنَا يَوۡمًا عَبُوسٗا قَمۡطَرِيرٗا
Efirisε, yɛsuro muna ne ahokyerε Da kεseε a efiri yεn Wura Nyankopͻn hͻ no.
Tafsiran larabci:
فَوَقَىٰهُمُ ٱللَّهُ شَرَّ ذَٰلِكَ ٱلۡيَوۡمِ وَلَقَّىٰهُمۡ نَضۡرَةٗ وَسُرُورٗا
Enti Onyankopͻn bɛyi wͻn afri saa Da no bͻne mu, ama wͻn ahyia anigyeε ne ahosεpε.
Tafsiran larabci:
وَجَزَىٰهُم بِمَا صَبَرُواْ جَنَّةٗ وَحَرِيرٗا
Aboterε a wͻnyaaeε no ho nti, Ɔde Aheman ne serekye (anaa kyeme) ntoma bɛtua wͻn ka;
Tafsiran larabci:
مُّتَّكِـِٔينَ فِيهَا عَلَى ٱلۡأَرَآئِكِۖ لَا يَرَوۡنَ فِيهَا شَمۡسٗا وَلَا زَمۡهَرِيرٗا
Wͻbεgyegye ada mu wͻ Ahennwa so wͻ (Aheman no) mu; wͻnhunu awia (hyew) anaasε awͻ a ano yε den wͻ hͻ.
Tafsiran larabci:
وَدَانِيَةً عَلَيۡهِمۡ ظِلَٰلُهَا وَذُلِّلَتۡ قُطُوفُهَا تَذۡلِيلٗا
(Aheman no mu nnua no) nwunu no bεbεn akata wͻn so, na emu nnuaba no nso bεbεn wͻn paa (ama ne teε ayε mmrε ama wͻn).
Tafsiran larabci:
وَيُطَافُ عَلَيۡهِم بِـَٔانِيَةٖ مِّن فِضَّةٖ وَأَكۡوَابٖ كَانَتۡ قَوَارِيرَا۠
Nkuruwa bi nso a εyε dwetε, ne senya nkuruwa bɛtwa wͻn ho ahyia,
Tafsiran larabci:
قَوَارِيرَاْ مِن فِضَّةٖ قَدَّرُوهَا تَقۡدِيرٗا
Senya nkruwaa a εhyerεn te sε dwetε. Yɛasusu no pεpεεpε (sεdeε wͻpε no).
Tafsiran larabci:
وَيُسۡقَوۡنَ فِيهَا كَأۡسٗا كَانَ مِزَاجُهَا زَنجَبِيلًا
Yεbεma wͻn asan anom kuruwa bi a, (emu nsuo no) afradeε yε ‘Zanjabiil’ wͻ (Aheman no) mu.
Tafsiran larabci:
عَيۡنٗا فِيهَا تُسَمَّىٰ سَلۡسَبِيلٗا
Asutire bi wͻ (Aheman no) mu, yεfrε no ‘Salsabiil’.
Tafsiran larabci:
۞ وَيَطُوفُ عَلَيۡهِمۡ وِلۡدَٰنٞ مُّخَلَّدُونَ إِذَا رَأَيۡتَهُمۡ حَسِبۡتَهُمۡ لُؤۡلُؤٗا مَّنثُورٗا
Mmeranteε a wͻn mfeɛ no te sε deε εteε daa bɛdi wͻn ho akͻneaba (asom wͻn); sε wohu (saa mmeranteε) no a wobεka sε nhwene pa bi a yɛato apete.
Tafsiran larabci:
وَإِذَا رَأَيۡتَ ثَمَّ رَأَيۡتَ نَعِيمٗا وَمُلۡكٗا كَبِيرًا
Na sε wohwε (Aheman no mu) a, εhͻ na wohunu anigyeε ne Ahennie kεseε.
Tafsiran larabci:
عَٰلِيَهُمۡ ثِيَابُ سُندُسٍ خُضۡرٞ وَإِسۡتَبۡرَقٞۖ وَحُلُّوٓاْ أَسَاوِرَ مِن فِضَّةٖ وَسَقَىٰهُمۡ رَبُّهُمۡ شَرَابٗا طَهُورًا
Wͻbɛfira serekye ntoma pa a εyε ahahan-mono, εna ago; na yεde dwetε nkapo asiesie wͻn. Na wͻn Wura Nyankopͻn bεma wͻn nsu kronkron anom.
Tafsiran larabci:
إِنَّ هَٰذَا كَانَ لَكُمۡ جَزَآءٗ وَكَانَ سَعۡيُكُم مَّشۡكُورًا
(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Nokorε, woi ne moakatua, mommͻden a mobͻeε no so aseda nie”.
Tafsiran larabci:
إِنَّا نَحۡنُ نَزَّلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡقُرۡءَانَ تَنزِيلٗا
(Nkͻmhyεni), nokorε sε, Yεn na Yɛsiane Qur’aan no nkakrankakra maa woͻ,
Tafsiran larabci:
فَٱصۡبِرۡ لِحُكۡمِ رَبِّكَ وَلَا تُطِعۡ مِنۡهُمۡ ءَاثِمًا أَوۡ كَفُورٗا
Enti nya aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na entie wͻn mu ɔbͻnefo anaasε boniayεni biara.
Tafsiran larabci:
وَٱذۡكُرِ ٱسۡمَ رَبِّكَ بُكۡرَةٗ وَأَصِيلٗا
Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin anͻpa ne anwumerε.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'insan
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa