Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'Jathiyah   Aya:

Al-Jaathiya

حمٓ
Haa – Miim.
Tafsiran larabci:
تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ مِنَ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَكِيمِ
Nwoma yi mu Adiyisεm no siane fri Onyankopͻn, Otumfoͻ Nyansafoͻ no hͻ.
Tafsiran larabci:
إِنَّ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ لَأٓيَٰتٖ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ ͻsoro ne asaase so de ma agyidiefoͻ no.
Tafsiran larabci:
وَفِي خَلۡقِكُمۡ وَمَا يَبُثُّ مِن دَآبَّةٍ ءَايَٰتٞ لِّقَوۡمٖ يُوقِنُونَ
Nsεnkyerεnee san wͻ sεdeε yɛsi bͻͻ mo, ne mmoadoma a Wama wͻn ahwete (wͻ asaase soͻ no) mu ma amanfoͻ a wͻgye die.
Tafsiran larabci:
وَٱخۡتِلَٰفِ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مِن رِّزۡقٖ فَأَحۡيَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَا وَتَصۡرِيفِ ٱلرِّيَٰحِ ءَايَٰتٞ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ
Nsεnkyerεnee nso wͻ adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, ne deε Onyankopͻn siane firi soro a εyε akͻnhoma a Ɔde bɛnyane asaase wͻ ne wuo akyi, ne mframa a edi adaneadane no mu ma amanfoͻ a wͻn wͻ nteaseε.
Tafsiran larabci:
تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱللَّهِ نَتۡلُوهَا عَلَيۡكَ بِٱلۡحَقِّۖ فَبِأَيِّ حَدِيثِۭ بَعۡدَ ٱللَّهِ وَءَايَٰتِهِۦ يُؤۡمِنُونَ
(Nkͻmhyεni), woi nom yε Onyankopͻn nsεm a yεrekenkan kyerε wo wͻ nokorε mu. Enti Onyankopͻn ne Ne nsεnkyerεnee akyi no asεm bεn bio na wͻbεgye adie?
Tafsiran larabci:
وَيۡلٞ لِّكُلِّ أَفَّاكٍ أَثِيمٖ
Na due nka nkontomponi, bͻneni biara-
Tafsiran larabci:
يَسۡمَعُ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِ ثُمَّ يُصِرُّ مُسۡتَكۡبِرٗا كَأَن لَّمۡ يَسۡمَعۡهَاۖ فَبَشِّرۡهُ بِعَذَابٍ أَلِيمٖ
(Onipa) a ͻte Nyankopͻn nsεm sε yεrekenkan nanso ͻtͻ kͻso yε akεsesεm sεdeε ͻnteeε. Enti fa asotwee yaaya no bͻ (saa nipa no) anohoba.
Tafsiran larabci:
وَإِذَا عَلِمَ مِنۡ ءَايَٰتِنَا شَيۡـًٔا ٱتَّخَذَهَا هُزُوًاۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٞ مُّهِينٞ
Sε ɔnya nimdeε bi firi Yεn Nsεm no mu a, ͻde di fεw. Saa nkorͻfoͻ no na animguaseε asotwee no bεyε wͻn dea no.
Tafsiran larabci:
مِّن وَرَآئِهِمۡ جَهَنَّمُۖ وَلَا يُغۡنِي عَنۡهُم مَّا كَسَبُواْ شَيۡـٔٗا وَلَا مَا ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَوۡلِيَآءَۖ وَلَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٌ
Amanehunu gya da wͻn anim, na deε wͻanya no ensi wͻn hwee, na deε wͻn afri Nyankopͻn akyi de wͻn ayε akyitaafoͻ no nso (ho mma mfasoͻ mma wͻn), na wͻn wͻ asotwee a εsoo paa.
Tafsiran larabci:
هَٰذَا هُدٗىۖ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِمۡ لَهُمۡ عَذَابٞ مِّن رِّجۡزٍ أَلِيمٌ
(Qur’aan) woi yε kwankyerε (Nwoma); na wͻn a wͻnnye wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no, wͻn wͻ asotwee bͻne a εyε ya papaapa.
Tafsiran larabci:
۞ ٱللَّهُ ٱلَّذِي سَخَّرَ لَكُمُ ٱلۡبَحۡرَ لِتَجۡرِيَ ٱلۡفُلۡكُ فِيهِ بِأَمۡرِهِۦ وَلِتَبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِهِۦ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Onyankopͻn na Wabrε ͻpo ase ama mo, sεdeε nsuom hyεn bεnante so wͻ Ne tumi mu, ne sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobɛyi (no) ayε.
Tafsiran larabci:
وَسَخَّرَ لَكُم مَّا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا مِّنۡهُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
Ɛna Wabrε deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) ase ama mo, ne nyinaa firi Ne hͻ. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu ma amanfoͻ a wͻkaekaeε.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'Jathiyah
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa