Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'shuraa   Aya:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِ ٱلۡجَوَارِ فِي ٱلۡبَحۡرِ كَٱلۡأَعۡلَٰمِ
Nensεnkyerεnee no bi nso ne nsuo mu hyεn a εwͻ ɛpo so tesε mmepͻ.
Tafsiran larabci:
إِن يَشَأۡ يُسۡكِنِ ٱلرِّيحَ فَيَظۡلَلۡنَ رَوَاكِدَ عَلَىٰ ظَهۡرِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّكُلِّ صَبَّارٖ شَكُورٍ
Sε Ɔpε a ͻbεma mframa no agyina na wͻn atεm dinn a wͻn nkeka wͻn ho koraa wͻ ɛpo no so. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema obia ɔsi aboterε na ɔyi (Nyame) ayε.
Tafsiran larabci:
أَوۡ يُوبِقۡهُنَّ بِمَا كَسَبُواْ وَيَعۡفُ عَن كَثِيرٖ
Anaasε (Ɔpε nso a) Ɔbεma wͻn amem εnam dwuma a wͻn nsa adie ho nti; Ɔde pii mpo kyε;
Tafsiran larabci:
وَيَعۡلَمَ ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِنَا مَا لَهُم مِّن مَّحِيصٖ
Wͻn a wͻgye Yεn Nsεm no ho akyinnyeε no bɛhunu sε dwane-kͻbea biara nni hͻ ma wͻn.
Tafsiran larabci:
فَمَآ أُوتِيتُم مِّن شَيۡءٖ فَمَتَٰعُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۚ وَمَا عِندَ ٱللَّهِ خَيۡرٞ وَأَبۡقَىٰ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ
Enti deε yεde ama mo biara no yε wiase asetena mu akͻnhoma, na deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εno na εyε paa, na εno nso na εwͻ hͻ daa dema wͻn a wͻagye adie, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻde wͻn ho toͻ-
Tafsiran larabci:
وَٱلَّذِينَ يَجۡتَنِبُونَ كَبَٰٓئِرَ ٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡفَوَٰحِشَ وَإِذَا مَا غَضِبُواْ هُمۡ يَغۡفِرُونَ
Ne wͻn a wͻtwe wͻn ho firi bͻne akεseε ne akohwi bra ho, na sε wͻn bofu mpo a, wͻde kyε.
Tafsiran larabci:
وَٱلَّذِينَ ٱسۡتَجَابُواْ لِرَبِّهِمۡ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَمۡرُهُمۡ شُورَىٰ بَيۡنَهُمۡ وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ
Ne wͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn frε no soͻ, na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻn dwumadie (biara no wͻtena ase) kyerε wͻn adwen wͻ ho, na akyεdeε a Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema.
Tafsiran larabci:
وَٱلَّذِينَ إِذَآ أَصَابَهُمُ ٱلۡبَغۡيُ هُمۡ يَنتَصِرُونَ
Ne wͻn a sε obi redi wͻn amim a (wͻngo wͻn ho mma saa nipa no, na mmom) wͻbͻ wͻn ho ban.
Tafsiran larabci:
وَجَزَٰٓؤُاْ سَيِّئَةٖ سَيِّئَةٞ مِّثۡلُهَاۖ فَمَنۡ عَفَا وَأَصۡلَحَ فَأَجۡرُهُۥ عَلَى ٱللَّهِۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلظَّٰلِمِينَ
Bͻne akatua ne bͻne no ara sεso; na mmom obi a ͻdebεkyε na wayε papa no, n’akatua wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε (Onyankopͻn) mpε abͻneεfoͻ no asεm.
Tafsiran larabci:
وَلَمَنِ ٱنتَصَرَ بَعۡدَ ظُلۡمِهِۦ فَأُوْلَٰٓئِكَ مَا عَلَيۡهِم مِّن سَبِيلٍ
Obia ͻbͻ ne ho ban wͻ εberε a obi adi no amim no, saa nkorͻfoͻ no deε εnsεsε yεfa kwan bi so tia wͻn (anaa yɛbɔ wͻn soboɔ).
Tafsiran larabci:
إِنَّمَا ٱلسَّبِيلُ عَلَى ٱلَّذِينَ يَظۡلِمُونَ ٱلنَّاسَ وَيَبۡغُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
(Wͻn a) εkwan wͻ hͻ (sε yɛbɔ wͻn soboɔ) ne wͻn a wͻdi amanfoͻ amim na wͻdi bͻne wͻ asaase no so a ɛnni ho kwan sε wͻyε (saa). Saa nkorͻfoͻ no na wͻbɛnya asotwee yaaya no.
Tafsiran larabci:
وَلَمَن صَبَرَ وَغَفَرَ إِنَّ ذَٰلِكَ لَمِنۡ عَزۡمِ ٱلۡأُمُورِ
Nokorε sε obi a ɔbɛnya aboterε na ͻde bͻne afirie no, nokorε sε εno ne dwumadie a edi mmu (a Onyankopͻn pε).
Tafsiran larabci:
وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِن وَلِيّٖ مِّنۢ بَعۡدِهِۦۗ وَتَرَى ٱلظَّٰلِمِينَ لَمَّا رَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَ يَقُولُونَ هَلۡ إِلَىٰ مَرَدّٖ مِّن سَبِيلٖ
Obi a Nyankopͻn ayera no no, ɔnni okyitaafoͻ (biara) wͻ N’akyi. Wobεhunu abͻneεfoͻ no wͻ εberε a wͻbɛhunu asotwee no sε, wͻreka sε: ”Enti εkwan biara nni hͻ a yεde bεsan (akͻ wiase bio)?”
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'shuraa
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa