Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'nisaa   Aya:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ لَعَنَهُمُ ٱللَّهُۖ وَمَن يَلۡعَنِ ٱللَّهُ فَلَن تَجِدَ لَهُۥ نَصِيرًا
Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn adome wͻn no; na obi a Nyankopͻn adome no no nso deε wonnya ͻboafoͻ mma no.
Tafsiran larabci:
أَمۡ لَهُمۡ نَصِيبٞ مِّنَ ٱلۡمُلۡكِ فَإِذٗا لَّا يُؤۡتُونَ ٱلنَّاسَ نَقِيرًا
Anaasε wͻn wͻ kyεfa bi wͻ (Nyankopͻn) ahennie no mu? Ɛneε anka wͻ’mma onipa biara hwee.
Tafsiran larabci:
أَمۡ يَحۡسُدُونَ ٱلنَّاسَ عَلَىٰ مَآ ءَاتَىٰهُمُ ٱللَّهُ مِن فَضۡلِهِۦۖ فَقَدۡ ءَاتَيۡنَآ ءَالَ إِبۡرَٰهِيمَ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحِكۡمَةَ وَءَاتَيۡنَٰهُم مُّلۡكًا عَظِيمٗا
Anaasε wͻ’yε deε Nyankopͻn afiri N’adom mu de ama amanfoͻ bi no ho ahoͻyaa? Ɛneε ampa sε, Yε’maa Abraham asefoͻ no Nwoma ne Adwen, na Yε’maa wͻn ahennie a εsoo paa.
Tafsiran larabci:
فَمِنۡهُم مَّنۡ ءَامَنَ بِهِۦ وَمِنۡهُم مَّن صَدَّ عَنۡهُۚ وَكَفَىٰ بِجَهَنَّمَ سَعِيرًا
Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻ’gye no (Muhammad) die, na wͻn mu bi nso wͻhͻ a wͻ’dane wͻn ho firi neho. Na Amanehunu gya no som bo (sε yεde hye wͻn).
Tafsiran larabci:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِنَا سَوۡفَ نُصۡلِيهِمۡ نَارٗا كُلَّمَا نَضِجَتۡ جُلُودُهُم بَدَّلۡنَٰهُمۡ جُلُودًا غَيۡرَهَا لِيَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَۗ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَزِيزًا حَكِيمٗا
Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Yεn Nsεm no, Yε’de wͻn bεkͻ Amanehunu gyem. Na εberε biara a wͻn ho wedeε no bεhyeε no Yε’bεsesa wedeε foforͻ ama wͻn, sεdeε wͻ’bεka asotwee no ahwε paa. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ.
Tafsiran larabci:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ سَنُدۡخِلُهُمۡ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۖ لَّهُمۡ فِيهَآ أَزۡوَٰجٞ مُّطَهَّرَةٞۖ وَنُدۡخِلُهُمۡ ظِلّٗا ظَلِيلًا
Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, Yε’de wͻn bεkͻ Soro Aheman no a nsubͻten nenam aseε no mu, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Wͻ’benya yerenom ahotewfoͻ wͻhͻ; na Yεde wͻn bewura enyunu paa mu.
Tafsiran larabci:
۞ إِنَّ ٱللَّهَ يَأۡمُرُكُمۡ أَن تُؤَدُّواْ ٱلۡأَمَٰنَٰتِ إِلَىٰٓ أَهۡلِهَا وَإِذَا حَكَمۡتُم بَيۡنَ ٱلنَّاسِ أَن تَحۡكُمُواْ بِٱلۡعَدۡلِۚ إِنَّ ٱللَّهَ نِعِمَّا يَعِظُكُم بِهِۦٓۗ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ سَمِيعَۢا بَصِيرٗا
Nokorε sε, Nyankopͻn rehyε mo sε, monsan mfa adeε a obi de ahyε monsa sε nhwεsodeε no nsan ma ne wura; na sε mobu nnipa ntεm atεn a momu atεn tenenee. Nokorε sε, afutupa paa na Nyankopͻn retu mo no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otiefoͻ N’ani nso tua biribiara.
Tafsiran larabci:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُواْ ٱلرَّسُولَ وَأُوْلِي ٱلۡأَمۡرِ مِنكُمۡۖ فَإِن تَنَٰزَعۡتُمۡ فِي شَيۡءٖ فَرُدُّوهُ إِلَى ٱللَّهِ وَٱلرَّسُولِ إِن كُنتُمۡ تُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۚ ذَٰلِكَ خَيۡرٞ وَأَحۡسَنُ تَأۡوِيلًا
Mo a moagye adie, monyε sotie ma Nyankopͻn na monyε sotie nso ma Ɔsomafoͻ no, ne wͻn a wͻ’kuta tumi wͻ mo mu no nso. Nasε ntotoo bi ba montεm wͻ biribi ho a, monsan nkͻyε εho nhwehwε mu wͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no hͻ, sε mogye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no di ampa a, εno na εyε, na εno nso na edi mmu na εma awie pa.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'nisaa
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa