Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'zumar   Aya:
إِنَّآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ لِلنَّاسِ بِٱلۡحَقِّۖ فَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيۡهَاۖ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِوَكِيلٍ
(Nkͻmhyεni) Yԑde nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ ama adasamma (yie die). Enti obi a ͻbεfa tenenee (kwan) no, εwͻ ͻno ara ne kraa, na obi a ͻbεfa ͻyera (kwan no nso) etia ͻno ara ne kraa; na wonyε wͻn so hwεfoͻ.
Tafsiran larabci:
ٱللَّهُ يَتَوَفَّى ٱلۡأَنفُسَ حِينَ مَوۡتِهَا وَٱلَّتِي لَمۡ تَمُتۡ فِي مَنَامِهَاۖ فَيُمۡسِكُ ٱلَّتِي قَضَىٰ عَلَيۡهَا ٱلۡمَوۡتَ وَيُرۡسِلُ ٱلۡأُخۡرَىٰٓ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمًّىۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
Nyankopͻn yi (onipa) nkwa wͻ berε a wͻn awuo, ԑna wͻn a wͻnya nnwuiε no nso εberε a wͻn ada. Afei na Wayi wͻn a yɛahyehyε owuo ama wͻn no (nkwa ama wͻn awu), na wͻn a aka no (a wͻn berε nsoeε a wͻn ada no) Ɔma wͻsan (ba nkwa mu bio) kͻpem εberε a yɛahyehyε (ama wͻn sε wͻbεwuo). Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻdwen.
Tafsiran larabci:
أَمِ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ شُفَعَآءَۚ قُلۡ أَوَلَوۡ كَانُواْ لَا يَمۡلِكُونَ شَيۡـٔٗا وَلَا يَعۡقِلُونَ
Anaasε wͻn afri Nyankopͻn akyi afa ntwitwagyefoͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε (wͻn ntwitwagyefoͻ no) nni hwee ho tumi, na wͻnni adwene mpo a?”
Tafsiran larabci:
قُل لِّلَّهِ ٱلشَّفَٰعَةُ جَمِيعٗاۖ لَّهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ ثُمَّ إِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Kasε: Ntwitwagyeε nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie (nyinaa) yε Ne dea. Ne hͻ na mobεsan akͻ.
Tafsiran larabci:
وَإِذَا ذُكِرَ ٱللَّهُ وَحۡدَهُ ٱشۡمَأَزَّتۡ قُلُوبُ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِۖ وَإِذَا ذُكِرَ ٱلَّذِينَ مِن دُونِهِۦٓ إِذَا هُمۡ يَسۡتَبۡشِرُونَ
Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a, wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no akoma kyiri koraa, na sε yεbͻ wͻn a (wͻde) bata Ne ho no din a wobɛhunu sε wͻn ani agyeε.
Tafsiran larabci:
قُلِ ٱللَّهُمَّ فَاطِرَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ عَٰلِمَ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ أَنتَ تَحۡكُمُ بَيۡنَ عِبَادِكَ فِي مَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Kasε: “Otweduampͻn Nyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfoͻ, Ahuntasεm mu ne Badwa mu Nimdefoͻ, Wona Wobɛbu Wo nkoa ntεm atεn wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wᴐ ho no ho“.
Tafsiran larabci:
وَلَوۡ أَنَّ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ مَا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا وَمِثۡلَهُۥ مَعَهُۥ لَٱفۡتَدَوۡاْ بِهِۦ مِن سُوٓءِ ٱلۡعَذَابِ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ وَبَدَا لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مَا لَمۡ يَكُونُواْ يَحۡتَسِبُونَ
Sε abͻneεfoͻ no wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne deε εte saa ka ho mpo a, anka wͻde bεyε mpata (anya wͻn ho) afiri Wusͻreε da no asotwee bͻne no mu. Deε wͻnsusuu ho no bεda adi afiri Nyankopͻn hͻ akyerε wͻn.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'zumar
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa