Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'kahf   Aya:
فَلَمَّا جَاوَزَا قَالَ لِفَتَىٰهُ ءَاتِنَا غَدَآءَنَا لَقَدۡ لَقِينَا مِن سَفَرِنَا هَٰذَا نَصَبٗا
Ɛberε a wͻtwaa kwan no kͻͻ kakra no, ͻka kyerεε n’abͻfra no sε: “Fa yεn anͻpa duane no bra, ampa sε yɛabrε wͻ yεn akwantuo yi mu paa“.
Tafsiran larabci:
قَالَ أَرَءَيۡتَ إِذۡ أَوَيۡنَآ إِلَى ٱلصَّخۡرَةِ فَإِنِّي نَسِيتُ ٱلۡحُوتَ وَمَآ أَنسَىٰنِيهُ إِلَّا ٱلشَّيۡطَٰنُ أَنۡ أَذۡكُرَهُۥۚ وَٱتَّخَذَ سَبِيلَهُۥ فِي ٱلۡبَحۡرِ عَجَبٗا
Yusha’u kaa sε: “Wahunu, εberε a yεsoεε wͻ ͻboͻ no soͻ no, me werε frii adwene no, na εnyε obiara na ͻmaa me werε friε na mmom ͻbonsam (na ͻmaa me werε firii) sε mεka akyerε (woͻ), na (adwene) no faa ne kwan kͻͻ ͻpo no mu awanwa kwan bi so.
Tafsiran larabci:
قَالَ ذَٰلِكَ مَا كُنَّا نَبۡغِۚ فَٱرۡتَدَّا عَلَىٰٓ ءَاثَارِهِمَا قَصَصٗا
(Mose) kaa sε: “Woi na yεrehwehwε no. Enti wɔsan wͻn akyi bεfaa wͻn anamͻn no so.
Tafsiran larabci:
فَوَجَدَا عَبۡدٗا مِّنۡ عِبَادِنَآ ءَاتَيۡنَٰهُ رَحۡمَةٗ مِّنۡ عِندِنَا وَعَلَّمۡنَٰهُ مِن لَّدُنَّا عِلۡمٗا
Wͻbehunu akoa bi a wͻyε Yεn nkoa no mu baako a Yɛama no ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ, na Yεde nimdeε a efiri Yεn hͻ akyerε no.
Tafsiran larabci:
قَالَ لَهُۥ مُوسَىٰ هَلۡ أَتَّبِعُكَ عَلَىٰٓ أَن تُعَلِّمَنِ مِمَّا عُلِّمۡتَ رُشۡدٗا
Mose ka kyerε no sε: “Meni w’akyi ma wonkyerε me nimdeε a yɛakyerε woͻ no bi?“
Tafsiran larabci:
قَالَ إِنَّكَ لَن تَسۡتَطِيعَ مَعِيَ صَبۡرٗا
(Hadir) kaa sε: “Nokorε sε wontumi nnya me ho aboterε“.
Tafsiran larabci:
وَكَيۡفَ تَصۡبِرُ عَلَىٰ مَا لَمۡ تُحِطۡ بِهِۦ خُبۡرٗا
“Ɛbεyε dεn na wanya aboterε wͻ adeε a wonte aseε anaasε wonni ho nimdeε ho? “
Tafsiran larabci:
قَالَ سَتَجِدُنِيٓ إِن شَآءَ ٱللَّهُ صَابِرٗا وَلَآ أَعۡصِي لَكَ أَمۡرٗا
(Mose) kaa sε: ”Sε Nyankopͻn pε a, wobɛhunu sε me wͻ aboterε na menyε w’ahyεdeε nso ho asoͻden “.
Tafsiran larabci:
قَالَ فَإِنِ ٱتَّبَعۡتَنِي فَلَا تَسۡـَٔلۡنِي عَن شَيۡءٍ حَتَّىٰٓ أُحۡدِثَ لَكَ مِنۡهُ ذِكۡرٗا
(Hadir) kaa sε: “Sε wobedi m’akyi a εneε hwε na woammisa me biribi ho asεm kͻpem sε, me ara mεka ho asεm akyerε woͻ“.
Tafsiran larabci:
فَٱنطَلَقَا حَتَّىٰٓ إِذَا رَكِبَا فِي ٱلسَّفِينَةِ خَرَقَهَاۖ قَالَ أَخَرَقۡتَهَا لِتُغۡرِقَ أَهۡلَهَا لَقَدۡ جِئۡتَ شَيۡـًٔا إِمۡرٗا
Enti wͻsii mu kͻe kosii εberε a wͻforoo nhyεma bi, (Hadir) tuu mu tokuro. Mose kaa sε: “Watu mu tokuro sεdeε emufoͻ no bεmem? Nokorε sε wadi dwuma bͻne paa.
Tafsiran larabci:
قَالَ أَلَمۡ أَقُلۡ إِنَّكَ لَن تَسۡتَطِيعَ مَعِيَ صَبۡرٗا
(Hadir) kaa sε: “Manka ankyerε wo sε wontumi nya me ho aboterε?”
Tafsiran larabci:
قَالَ لَا تُؤَاخِذۡنِي بِمَا نَسِيتُ وَلَا تُرۡهِقۡنِي مِنۡ أَمۡرِي عُسۡرٗا
(Mose) kaa sε: “Ɛntwe m’aso wͻ deε me werε afri no ho, na εnyε dendeenden wͻ me so wͻ deε meyͻeε yi ho“.
Tafsiran larabci:
فَٱنطَلَقَا حَتَّىٰٓ إِذَا لَقِيَا غُلَٰمٗا فَقَتَلَهُۥ قَالَ أَقَتَلۡتَ نَفۡسٗا زَكِيَّةَۢ بِغَيۡرِ نَفۡسٖ لَّقَدۡ جِئۡتَ شَيۡـٔٗا نُّكۡرٗا
Enti wͻsii mu kͻe, kosii εberε a wɔhyiaa abarimaa bi, εna (Hadir) kum no. (Mose) kaa sε: “Wakum onipa a onni nipa kum bͻne ho fͻ? Ampa sε wayε amumuyε kεse.”
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'kahf
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa