Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'nahl   Aya:
ثُمَّ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يُخۡزِيهِمۡ وَيَقُولُ أَيۡنَ شُرَكَآءِيَ ٱلَّذِينَ كُنتُمۡ تُشَٰٓقُّونَ فِيهِمۡۚ قَالَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ إِنَّ ٱلۡخِزۡيَ ٱلۡيَوۡمَ وَٱلسُّوٓءَ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ
Afei Wusͻreε da no, Ɔbɛgu wͻn anim ase na Waka akyerε wͻn sε: ”M’ahokafoͻ no a wͻn ho nti motan (nkͻmhyεfoͻ no ne agyidiefoͻ no, san) ko tiaa wͻn no wͻ hen? “Wͻn a yɛama wͻn nimdeε no bεka sε: ”Nokorε, animguaseε ne ͻhaw bͻne bεka boniayεfoͻ no nnε da yi,-
Tafsiran larabci:
ٱلَّذِينَ تَتَوَفَّىٰهُمُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ ظَالِمِيٓ أَنفُسِهِمۡۖ فَأَلۡقَوُاْ ٱلسَّلَمَ مَا كُنَّا نَعۡمَلُ مِن سُوٓءِۭۚ بَلَىٰٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
“Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa aberε a wͻayε bͻne atia wͻn kraa no, (wͻbԑpatu) abrԑ wͻn ho ase (aka sε): “Na yɛnni dwuma bͻne biara“. (Soro abͻfoͻ no bɛyi wͻn ano sε): “Daabi, nokorε sε, Onyankopͻn Nim dwuma a modiiε nyinaa.“
Tafsiran larabci:
فَٱدۡخُلُوٓاْ أَبۡوَٰبَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ فَلَبِئۡسَ مَثۡوَى ٱلۡمُتَكَبِّرِينَ
Enti monwura Amanehunu gya no pono no mu nkͻtena hͻ. Ԑhͻ yε asetena bͻne paa dema ahomasoͻfoͻ no.
Tafsiran larabci:
۞ وَقِيلَ لِلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ مَاذَآ أَنزَلَ رَبُّكُمۡۚ قَالُواْ خَيۡرٗاۗ لِّلَّذِينَ أَحۡسَنُواْ فِي هَٰذِهِ ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٞۚ وَلَدَارُ ٱلۡأٓخِرَةِ خَيۡرٞۚ وَلَنِعۡمَ دَارُ ٱلۡمُتَّقِينَ
(Sε) yԑka kyerε wͻn a wͻsuro Nyankopͻn no sε: “Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asane a?“, deε wͻka ne sε: “Papa nko ara“. Wͻn a wͻyεε papa wͻ wiase ha no, papa (ho akatua) na wͻbɛnya. Daakye asetena no na εyε, na εno ne efie pa paa dema Nyamesurofoͻ no, -
Tafsiran larabci:
جَنَّٰتُ عَدۡنٖ يَدۡخُلُونَهَا تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ لَهُمۡ فِيهَا مَا يَشَآءُونَۚ كَذَٰلِكَ يَجۡزِي ٱللَّهُ ٱلۡمُتَّقِينَ
Ɔsoro aheman a ɛtim hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no mu na wͻbεkͻ, wͻnom nsa bεka deε wͻpε biara wͻ hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua Nyamesurofoͻ no ka.
Tafsiran larabci:
ٱلَّذِينَ تَتَوَفَّىٰهُمُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ طَيِّبِينَ يَقُولُونَ سَلَٰمٌ عَلَيۡكُمُ ٱدۡخُلُواْ ٱلۡجَنَّةَ بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa wͻ kronkron yε mu no, wͻka kyerε wͻn sε: “Salaamu alaikum (Asomdwoeε nka mo)! Monkͻ Soro aheman no mu, εnam dwumadi (papa) a modiiε no ho nti “.
Tafsiran larabci:
هَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّآ أَن تَأۡتِيَهُمُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ أَوۡ يَأۡتِيَ أَمۡرُ رَبِّكَۚ كَذَٰلِكَ فَعَلَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ وَمَا ظَلَمَهُمُ ٱللَّهُ وَلَٰكِن كَانُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ
Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ne sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no bεba wͻn soͻ? Saa ara na wͻn a wͻdii wͻn anim kan no yͻeε. Onyankopͻn deε Wanni wͻn amim, na mmom wͻn ara na wͻdii wͻn ho amim.
Tafsiran larabci:
فَأَصَابَهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا عَمِلُواْ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
Enti wͻn bͻne a wͻyͻeε no ho asotwee too wͻn, maa deε na wͻdi ho fεw no nso twaa wͻn ho hyiae.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'nahl
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa