Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Ibrahim   Aya:
مُهۡطِعِينَ مُقۡنِعِي رُءُوسِهِمۡ لَا يَرۡتَدُّ إِلَيۡهِمۡ طَرۡفُهُمۡۖ وَأَفۡـِٔدَتُهُمۡ هَوَآءٞ
(Ɛda a) wͻde ntεmpε na εbεkͻ wͻn anim a wͻ atwetwe wͻn kͻn, na wͻn ti apagya hwε soro, na wͻn ani nnane mma wͻn hͻ, na wͻn akoma (mu) bεyε hwee (anaasε hwee nni wͻn akoma mu) no.
Tafsiran larabci:
وَأَنذِرِ ٱلنَّاسَ يَوۡمَ يَأۡتِيهِمُ ٱلۡعَذَابُ فَيَقُولُ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ رَبَّنَآ أَخِّرۡنَآ إِلَىٰٓ أَجَلٖ قَرِيبٖ نُّجِبۡ دَعۡوَتَكَ وَنَتَّبِعِ ٱلرُّسُلَۗ أَوَلَمۡ تَكُونُوٓاْ أَقۡسَمۡتُم مِّن قَبۡلُ مَا لَكُم مِّن زَوَالٖ
(Nkͻmhyεni), bͻ adasamma no kͻkͻ wͻ Ɛda no a asotwee no bεba wͻn soͻ ama wͻn a wͻdii bͻne no aka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε) ma yεn εberε kakra, yεbεgye Wofrε no so na ya’di asomafoͻ no akyi“. (Yԑbԑma wᴐn mmuaeԑ sԑ): “Monii kan nkaa ntam sε moasetena (wͻ wiase) no entwa mu da?
Tafsiran larabci:
وَسَكَنتُمۡ فِي مَسَٰكِنِ ٱلَّذِينَ ظَلَمُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ وَتَبَيَّنَ لَكُمۡ كَيۡفَ فَعَلۡنَا بِهِمۡ وَضَرَبۡنَا لَكُمُ ٱلۡأَمۡثَالَ
Ɛna motenaa wͻn a wͻdii bͻne tiaa wͻn ara wͻn ho no atenaeε, wͻ aberε a yεdaa deε Yεde yεε wͻn no adi kyerεε mo, εna Yεyεε mfatoho pii nso de kyerεε mo?
Tafsiran larabci:
وَقَدۡ مَكَرُواْ مَكۡرَهُمۡ وَعِندَ ٱللَّهِ مَكۡرُهُمۡ وَإِن كَانَ مَكۡرُهُمۡ لِتَزُولَ مِنۡهُ ٱلۡجِبَالُ
Ampa sε, wͻbͻͻ wͻn pͻ a wͻbͻeε, na pͻ a wͻbͻeε no wͻ Nyankopͻn hͻ; na nokorε sε, wͻbͻͻ pͻ bͻne sεdeε emu no mpo mmepͻ betutuo.
Tafsiran larabci:
فَلَا تَحۡسَبَنَّ ٱللَّهَ مُخۡلِفَ وَعۡدِهِۦ رُسُلَهُۥٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٞ ذُو ٱنتِقَامٖ
Enti εmma w’adwen nnyε wo sε Nyankopͻn bebu Nebͻhyε a Wahyε asomafoͻ no so. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yɛ, Ɔne Awerεtͻ Wura.
Tafsiran larabci:
يَوۡمَ تُبَدَّلُ ٱلۡأَرۡضُ غَيۡرَ ٱلۡأَرۡضِ وَٱلسَّمَٰوَٰتُۖ وَبَرَزُواْ لِلَّهِ ٱلۡوَٰحِدِ ٱلۡقَهَّارِ
Ɛda a yεde asaase bεsesa asaase (foforͻ) ne ͻsoro nso (saa ara no), wͻn nyinaa bεba Nyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no anim.
Tafsiran larabci:
وَتَرَى ٱلۡمُجۡرِمِينَ يَوۡمَئِذٖ مُّقَرَّنِينَ فِي ٱلۡأَصۡفَادِ
Saa Da no wobehunu abͻneεfoͻ no sε yaka wͻn abͻ mu agu wͻn mpokyerε.
Tafsiran larabci:
سَرَابِيلُهُم مِّن قَطِرَانٖ وَتَغۡشَىٰ وُجُوهَهُمُ ٱلنَّارُ
Wͻn ntadeε bεyε εhyε tuntum, na Ogya bεkata wͻn anim.
Tafsiran larabci:
لِيَجۡزِيَ ٱللَّهُ كُلَّ نَفۡسٖ مَّا كَسَبَتۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَرِيعُ ٱلۡحِسَابِ
Sεdeε Nyankopͻn betua deε ͻkra biara nsa kaeε so ka. Nokorε sε, Onyankopͻn ho yε hare wͻ akontabuo no mu paa.
Tafsiran larabci:
هَٰذَا بَلَٰغٞ لِّلنَّاسِ وَلِيُنذَرُواْ بِهِۦ وَلِيَعۡلَمُوٓاْ أَنَّمَا هُوَ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞ وَلِيَذَّكَّرَ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
(Qur’aan) woi yε asεm no ho dawubͻ dema adasamma sεdeε wͻde bεbͻ wͻn ho kͻkͻ, na wͻ’de behunu sε Ɔne Awurade Baako, na nnipa mu mmadwemmafoᴐ no nso de bεto wͻn adwene mu.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Ibrahim
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa