Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Saba’   Ayah:
قَالَ ٱلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُواْ لِلَّذِينَ ٱسۡتُضۡعِفُوٓاْ أَنَحۡنُ صَدَدۡنَٰكُمۡ عَنِ ٱلۡهُدَىٰ بَعۡدَ إِذۡ جَآءَكُمۖ بَلۡ كُنتُم مُّجۡرِمِينَ
Wͻn a wͻyεε ahomasoͻ no bεka akyerε wͻn a wͻyε mmerε no sε: “Ɛberε a tenenee no baa mo hͻ no yεn na yɛsii mo kwan? Daabi, mo ara na moyε abͻneεfoͻ“.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ ٱسۡتُضۡعِفُواْ لِلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُواْ بَلۡ مَكۡرُ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ إِذۡ تَأۡمُرُونَنَآ أَن نَّكۡفُرَ بِٱللَّهِ وَنَجۡعَلَ لَهُۥٓ أَندَادٗاۚ وَأَسَرُّواْ ٱلنَّدَامَةَ لَمَّا رَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَۚ وَجَعَلۡنَا ٱلۡأَغۡلَٰلَ فِيٓ أَعۡنَاقِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۖ هَلۡ يُجۡزَوۡنَ إِلَّا مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Wͻn a wͻyε mmerε no bεka akyerε ahomasoͻfoͻ no sε: “(Ɛnam) anadwo ne awia pͻ a mobͻeε so, εberε a mohyεε yεn sε yɛnyi yɛn Wura Nyankopͻn boniayε na yεmfa biribi ntoto Neho no“. Ԑberε a wͻbɛhunu asotwee no wͻbεda wͻn nuhoo adi, na Yεde nkͻnsͻnkͻnsͻn bɛgu boniayεfoͻ no kͻn mu. Enti dwuma a wͻdiiε so na yεbɛgyina atua wͻn ka.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَمَآ أَرۡسَلۡنَا فِي قَرۡيَةٖ مِّن نَّذِيرٍ إِلَّا قَالَ مُتۡرَفُوهَآ إِنَّا بِمَآ أُرۡسِلۡتُم بِهِۦ كَٰفِرُونَ
Ԑberε biara a Yεbεsoma kͻkͻbͻni wͻ kuro bi soͻ no, gyesε emu adefoͻ no ka sε: “Yεdeε deε yεde somaa mo no yεmpε“.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَقَالُواْ نَحۡنُ أَكۡثَرُ أَمۡوَٰلٗا وَأَوۡلَٰدٗا وَمَا نَحۡنُ بِمُعَذَّبِينَ
Deε wͻka ne sε: “Yεwͻ sika ne mma pii, na yεn deε yεntwe yɛn aso.
Arabic explanations of the Qur’an:
قُلۡ إِنَّ رَبِّي يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Me Wura Nyankopͻn bae N’akyεdeε mu ma obia Ɔpε, εna Osusu nso (ma obia Ɔpε) nanso nnipa pii nnim.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَمَآ أَمۡوَٰلُكُمۡ وَلَآ أَوۡلَٰدُكُم بِٱلَّتِي تُقَرِّبُكُمۡ عِندَنَا زُلۡفَىٰٓ إِلَّا مَنۡ ءَامَنَ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا فَأُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ جَزَآءُ ٱلضِّعۡفِ بِمَا عَمِلُواْ وَهُمۡ فِي ٱلۡغُرُفَٰتِ ءَامِنُونَ
Ԑnyε mo sika anaa mo mma na εde mo bεbεn Nyankopͻn wͻ gyinaberε mu, na mmom gyesε obi a ͻgye die na odi dwuma pa; saa nkorͻfoͻ no deε wͻn wͻ akatua a yεde bεbͻ ho (ama wͻn) wͻ dwuma a wͻdiiε no ho nti, na wͻbεtena abansoroͻ so wͻ abodwoɔ mu.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَٱلَّذِينَ يَسۡعَوۡنَ فِيٓ ءَايَٰتِنَا مُعَٰجِزِينَ أُوْلَٰٓئِكَ فِي ٱلۡعَذَابِ مُحۡضَرُونَ
Wͻn a wͻbͻ mmͻden kotia Yεn Nsεm sεdeε εbεyε kwa no, saa nkorͻfoͻ no na yεde wͻn bεba asotwee no mu no.
Arabic explanations of the Qur’an:
قُلۡ إِنَّ رَبِّي يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦ وَيَقۡدِرُ لَهُۥۚ وَمَآ أَنفَقۡتُم مِّن شَيۡءٖ فَهُوَ يُخۡلِفُهُۥۖ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلرَّٰزِقِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn bae n’akyεdeε no mu ma obia Ɔpε wͻ Nenkoa no mu, εna Ɔsusu nso ma no; na biribiara a mobɛyi no (Nyankopͻn nti) no Ɔbεhyε anan mu, na Ɔne ɔkyaadeεfoͻ no mu Nea ͻkyε akyεdeԑ pa paa.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Saba’
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close