Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Quran - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Index of Translations

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the Meanings Surah: Tā-ha   Verse:

Toahaa

طه
Toaa - Haa
Arabic Tafsirs:
مَآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡقُرۡءَانَ لِتَشۡقَىٰٓ
(Nkͻmhyεni) Yɛansiane Qur’aan amma wo sεdeε wobεsopa.
Arabic Tafsirs:
إِلَّا تَذۡكِرَةٗ لِّمَن يَخۡشَىٰ
Na mmom εyε afutusεm dema obi a osuro Nyankopͻn.
Arabic Tafsirs:
تَنزِيلٗا مِّمَّنۡ خَلَقَ ٱلۡأَرۡضَ وَٱلسَّمَٰوَٰتِ ٱلۡعُلَى
Ɛyε Adiyisεm a efri Nea Ɔbͻͻ asaase ne ͻsoro a εkorͻn no hͻ.
Arabic Tafsirs:
ٱلرَّحۡمَٰنُ عَلَى ٱلۡعَرۡشِ ٱسۡتَوَىٰ
Ahummͻborͻ Hene no a, Ɔte tumi ahennwa no soͻ no.
Arabic Tafsirs:
لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا وَمَا تَحۡتَ ٱلثَّرَىٰ
Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so, ne deε εwͻ ne mmienu mfinifii ne deε εwͻ asaase ase nyinaa yε Ne dea.
Arabic Tafsirs:
وَإِن تَجۡهَرۡ بِٱلۡقَوۡلِ فَإِنَّهُۥ يَعۡلَمُ ٱلسِّرَّ وَأَخۡفَى
Sε woka asεm bi ma no pue a, nokorε sε Onim kokoa mu asԑm ne deε asuma kyԑn saa (nyinaa).
Arabic Tafsirs:
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ لَهُ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰ
Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔno na abodin pa nyinaa wͻ no.
Arabic Tafsirs:
وَهَلۡ أَتَىٰكَ حَدِيثُ مُوسَىٰٓ
Enti Mose ho asεm no abɛduru wo hͻ?
Arabic Tafsirs:
إِذۡ رَءَا نَارٗا فَقَالَ لِأَهۡلِهِ ٱمۡكُثُوٓاْ إِنِّيٓ ءَانَسۡتُ نَارٗا لَّعَلِّيٓ ءَاتِيكُم مِّنۡهَا بِقَبَسٍ أَوۡ أَجِدُ عَلَى ٱلنَّارِ هُدٗى
Ɛberε a ohunuu egya bi, ͻka kyerεε n’abusuafoͻ no sε: “Montwεn, nokorε sε mahunu egya bi, na ebia mede gya-sramma bi befri mu abrε mo, anaasε menya kwan kyerε bi wͻ ogya no ho.
Arabic Tafsirs:
فَلَمَّآ أَتَىٰهَا نُودِيَ يَٰمُوسَىٰٓ
Ԑberε a ͻbaa (egya no) ho no, εnee bi frεε (no) sε: “ Musa !”
Arabic Tafsirs:
إِنِّيٓ أَنَا۠ رَبُّكَ فَٱخۡلَعۡ نَعۡلَيۡكَ إِنَّكَ بِٱلۡوَادِ ٱلۡمُقَدَّسِ طُوٗى
Nokorε sε, Me ne wo Wura Nyankopͻn no, enti worͻ wo mpaboa no, efrisε wo wͻ eku anaasε bonhwa kronkron Tuwa no mu.
Arabic Tafsirs:
 
Translation of the Meanings Surah: Tā-ha
Index of Surahs Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Quran - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Index of Translations

Translated by Sh. Harun Ismail

Close