Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Quran - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Index of Translations

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the Meanings Surah: Yūnus   Verse:
وَلَوۡ أَنَّ لِكُلِّ نَفۡسٖ ظَلَمَتۡ مَا فِي ٱلۡأَرۡضِ لَٱفۡتَدَتۡ بِهِۦۗ وَأَسَرُّواْ ٱلنَّدَامَةَ لَمَّا رَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَۖ وَقُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡقِسۡطِ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Nokorԑ sε ͻkra bi a wayε bͻne wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa mpo sε ͻde bεyε mpata (anya afa neho adi a, yεnnye saa mpata no). Wͻbɛnu wͻn ho wͻ wɔn akoma mu wɔ berε a wͻbɛhunu asotwee no; na yɛbɛbu wͻn ntam atεn tenenee, na yɛnsisi wͻn.
Arabic Tafsirs:
أَلَآ إِنَّ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ أَلَآ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Hwε, nokorε sε, deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Hwε, nokorε sε, Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, nanso nnipa pii nnim.
Arabic Tafsirs:
هُوَ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔkum, na Nehͻ na mobεsan akͻ.
Arabic Tafsirs:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ قَدۡ جَآءَتۡكُم مَّوۡعِظَةٞ مِّن رَّبِّكُمۡ وَشِفَآءٞ لِّمَا فِي ٱلصُّدُورِ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٞ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Adasamma, ampa sε Afutusεm ne akoma mu (yadeε ho) ayaresa ne kwankyerε, ne ahummͻborͻ dema agyidiefoͻ no, firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ.
Arabic Tafsirs:
قُلۡ بِفَضۡلِ ٱللَّهِ وَبِرَحۡمَتِهِۦ فَبِذَٰلِكَ فَلۡيَفۡرَحُواْ هُوَ خَيۡرٞ مِّمَّا يَجۡمَعُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ, εno na εsεsε wͻn ani gye ho; εno mmom na εyε kyεn deε wͻreboaboa ano no.
Arabic Tafsirs:
قُلۡ أَرَءَيۡتُم مَّآ أَنزَلَ ٱللَّهُ لَكُم مِّن رِّزۡقٖ فَجَعَلۡتُم مِّنۡهُ حَرَامٗا وَحَلَٰلٗا قُلۡ ءَآللَّهُ أَذِنَ لَكُمۡۖ أَمۡ عَلَى ٱللَّهِ تَفۡتَرُونَ
Ka sε: “Moahunu akͻnhoma a Onyankopͻn asane ama mo no a moayε emu bi akyiwadeε εna moama emu bi nso ho kwan no”. Ka sε: “Onyankopͻn na ama mo ho kwan, anaasε mobͻ mo tirim twa nkontompo to Onyankopͻn so?”
Arabic Tafsirs:
وَمَا ظَنُّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَشۡكُرُونَ
Wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no adwen ne sεn wͻ Wusͻreε da no ho? Nokorε sε, Onyankopͻn yε Adom Hene ma adasamma, nanso wͻn mu pii nyi (Onyankopͻn) ayε.
Arabic Tafsirs:
وَمَا تَكُونُ فِي شَأۡنٖ وَمَا تَتۡلُواْ مِنۡهُ مِن قُرۡءَانٖ وَلَا تَعۡمَلُونَ مِنۡ عَمَلٍ إِلَّا كُنَّا عَلَيۡكُمۡ شُهُودًا إِذۡ تُفِيضُونَ فِيهِۚ وَمَا يَعۡزُبُ عَن رَّبِّكَ مِن مِّثۡقَالِ ذَرَّةٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فِي ٱلسَّمَآءِ وَلَآ أَصۡغَرَ مِن ذَٰلِكَ وَلَآ أَكۡبَرَ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٍ
(Nkͻmhyεni), dwuma die biara a wowͻ mu, anaa deε wobεkenkan afiri Qur’aan mu, anaa dwuma die a mobɛdie no, Yɛdi mo ho adanseε εberε a mo wͻ mu no. Na (deε) emu duro ketekete tesε aboboaa (a ani ntumi nhunu) wͻ asaase so, anaa ͻsoro anaa deε esua kyεn saa anaasε deε εso kyεn saa, (emu biara) nsuma wo Wura Nyankopͻn, na mmom (ne nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu.
Arabic Tafsirs:
 
Translation of the Meanings Surah: Yūnus
Index of Surahs Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Quran - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Index of Translations

Translated by Sh. Harun Ismail

Close