Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ኣሊ-ኢምራን   አንቀጽ:
رَبَّنَآ ءَامَنَّا بِمَآ أَنزَلۡتَ وَٱتَّبَعۡنَا ٱلرَّسُولَ فَٱكۡتُبۡنَا مَعَ ٱلشَّٰهِدِينَ
“Ye’Wura Nyankopͻn, y’agye adeε a W’asiane aba no adi, na yedi Ɔsomafoͻ no akyi, enti twerε ye’din ka adansefoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَكَرُواْ وَمَكَرَ ٱللَّهُۖ وَٱللَّهُ خَيۡرُ ٱلۡمَٰكِرِينَ
Na (Yudafoͻ no) bͻͻ (Yesu ho) pͻ, na Nyankopͻn nso bͻͻ pͻ, na Onyankopͻn pͻ bͻ na εyε kyεn apͻbͻfoͻ nyinaa pͻbͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذۡ قَالَ ٱللَّهُ يَٰعِيسَىٰٓ إِنِّي مُتَوَفِّيكَ وَرَافِعُكَ إِلَيَّ وَمُطَهِّرُكَ مِنَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَجَاعِلُ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُوكَ فَوۡقَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِۖ ثُمَّ إِلَيَّ مَرۡجِعُكُمۡ فَأَحۡكُمُ بَيۡنَكُمۡ فِيمَا كُنتُمۡ فِيهِ تَخۡتَلِفُونَ
Kae εberε a Nyankopͻn kaa sε: “Yesu, “Mεfa wo na M’apagya wo aba Me nkyεn, na Mate woho afiri boniayεfoͻ no ho, na M’ama wͻn a wͻ’di w’akyi no so akyεn wͻn a wͻ’yi boniayε no akosi Atemmuda. Afei Mehͻ na mobεsan aba na M’abu montεm atεn wͻ deε monte moho ase wͻ ho no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَأَمَّا ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَأُعَذِّبُهُمۡ عَذَابٗا شَدِيدٗا فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِ وَمَا لَهُم مِّن نَّٰصِرِينَ
Na wͻn a wͻ’po (Nokorε no) deε, Mede asotwee a ano yε den paa bεtwe wͻn aso wͻ wiase (ha) ne Daakye, na wͻ’nnya aboafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فَيُوَفِّيهِمۡ أُجُورَهُمۡۗ وَٱللَّهُ لَا يُحِبُّ ٱلظَّٰلِمِينَ
Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso, Ɔbεtua wͻn akatua no pεpεεpε (anaasε Ɔbεhyε no mma) ama wͻn. Onyankopͻn deε Ɔmpε abͻneεfoͻ no asεm.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ذَٰلِكَ نَتۡلُوهُ عَلَيۡكَ مِنَ ٱلۡأٓيَٰتِ وَٱلذِّكۡرِ ٱلۡحَكِيمِ
Deε Yε’rekenkan kyerε woͻ yi yε nsεnkyerεnee ne afutusεm a adwen wͻ mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ مَثَلَ عِيسَىٰ عِندَ ٱللَّهِ كَمَثَلِ ءَادَمَۖ خَلَقَهُۥ مِن تُرَابٖ ثُمَّ قَالَ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ
Nokorε sε, Yesu mfatoho a εwͻ Nyankopͻn hͻ no tesε Adam deε no ara pεpεεpε. (Nyankopͻn) bͻͻ no firi mfuturo mu, εna afei Ɔka kyerεε no sε: Yε (onipa)! ” Ɛna ͻyεε (nipa).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ فَلَا تَكُن مِّنَ ٱلۡمُمۡتَرِينَ
(Woi ne) nokorε no a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ (fa Yesu ho); enti hwε na woankͻka wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَمَنۡ حَآجَّكَ فِيهِ مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَكَ مِنَ ٱلۡعِلۡمِ فَقُلۡ تَعَالَوۡاْ نَدۡعُ أَبۡنَآءَنَا وَأَبۡنَآءَكُمۡ وَنِسَآءَنَا وَنِسَآءَكُمۡ وَأَنفُسَنَا وَأَنفُسَكُمۡ ثُمَّ نَبۡتَهِلۡ فَنَجۡعَل لَّعۡنَتَ ٱللَّهِ عَلَى ٱلۡكَٰذِبِينَ
Enti obiara a ͻbεgye wo akyinnye wͻ ho wͻ akyire yi a nimdeε no aba wo hͻ no, ka sε: ”Momra ma yεnfrε yε’mma ne mo mma, ne yεn yerenom ne mo yerenom, ne yεn ara yεn ho, ne mo ara moho na afei yεmͻ mpaeε nni nse mpae yεn ho sε: “Nyankopͻn nnomee nka nkontompofoͻ no”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ኣሊ-ኢምራን
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት