Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ኣሊ-ኢምራን   አንቀጽ:
قُلۡ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَمَآ أُنزِلَ عَلَيۡنَا وَمَآ أُنزِلَ عَلَىٰٓ إِبۡرَٰهِيمَ وَإِسۡمَٰعِيلَ وَإِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَ وَٱلۡأَسۡبَاطِ وَمَآ أُوتِيَ مُوسَىٰ وَعِيسَىٰ وَٱلنَّبِيُّونَ مِن رَّبِّهِمۡ لَا نُفَرِّقُ بَيۡنَ أَحَدٖ مِّنۡهُمۡ وَنَحۡنُ لَهُۥ مُسۡلِمُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Yε’deε yε’gye Nyankopͻn ne deε y’asiane ama yεn no di, (san) gye deε yesiane maa Abraham ne Ismail ne Is’haaq ne Ya’aquub ne n’asefoͻ, ne deε yεde maa Mose ne Yesu ne Nkͻmhyεfoͻ no a wͻ’fri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no (nyinaa) di; na yεnnyε Asomafoͻ no mu biara mu nyiyimu. Yε’deε Nyankopͻn na yε’yε (Muslim) berε yεn ho ase ma no”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَن يَبۡتَغِ غَيۡرَ ٱلۡإِسۡلَٰمِ دِينٗا فَلَن يُقۡبَلَ مِنۡهُ وَهُوَ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Obi a obefiri Islam akyi ahwehwε ͻsom foforͻ bi no yenntie no; (saa nnipa no) bεka berεguofoͻ no ho wͻ Awieε da no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
كَيۡفَ يَهۡدِي ٱللَّهُ قَوۡمٗا كَفَرُواْ بَعۡدَ إِيمَٰنِهِمۡ وَشَهِدُوٓاْ أَنَّ ٱلرَّسُولَ حَقّٞ وَجَآءَهُمُ ٱلۡبَيِّنَٰتُۚ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Sεn na Nyankopͻn besi atene amanfoͻ no a wͻn gyidie akyi wͻ’abεyε (Kaafir) boniayεfoͻ, na wͻn adi ho adanseε pεn sε, ampa Ɔsomafoͻ (Muhammad) yε nokwafoͻ, na wͻn anya nsεnkyerεnee pefee no? Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أُوْلَٰٓئِكَ جَزَآؤُهُمۡ أَنَّ عَلَيۡهِمۡ لَعۡنَةَ ٱللَّهِ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ
Saa nkorͻfoͻ no akatua ne sε: “Nyankopͻn ne Soro abͻfoͻ ne nnipa nyinaa nnomee wͻ wͻn so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
خَٰلِدِينَ فِيهَا لَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ
Wͻ’bεtena (nnomee no) mu (afe bͻͻ); na yεnngo asotwee no mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn berε a wͻ’de bεgye wͻn ahome nso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِلَّا ٱلَّذِينَ تَابُواْ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ وَأَصۡلَحُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ
Gyesε wͻn a ԑno akyiri no wͻ’sakra wͻn adwen (ba Nyankopͻn hͻ), na wͻ’di dwuma pa, εneε nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بَعۡدَ إِيمَٰنِهِمۡ ثُمَّ ٱزۡدَادُواْ كُفۡرٗا لَّن تُقۡبَلَ تَوۡبَتُهُمۡ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلضَّآلُّونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻn gyidie akyi wͻ’san dane (Kaafir) boniayεfoͻ, na afei wͻn boniayε no kͻ soͻ no, Nyankopͻn nntie wͻn adwen sakra no, na saa nkorͻfoͻ no ne ayerafoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَمَاتُواْ وَهُمۡ كُفَّارٞ فَلَن يُقۡبَلَ مِنۡ أَحَدِهِم مِّلۡءُ ٱلۡأَرۡضِ ذَهَبٗا وَلَوِ ٱفۡتَدَىٰ بِهِۦٓۗ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ وَمَا لَهُم مِّن نَّٰصِرِينَ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’yε (Kaafir) boniayεfoͻ, na wͻ’wu wͻ aberε a wͻ’daso yε (Kaafir) boniayεfoͻ no, sε wͻ’de sika kͻkͻͻ asaase mma mpo bεyε mpata koraa a, yεnnye wͻn (mpata) no. Saa nkorͻfoͻ no na asotwe yaaya no wͻ wͻn no, na wͻ’nnya aboafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ኣሊ-ኢምራን
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት