Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ   አንቀጽ:
كَذَٰلِكَ نَقُصُّ عَلَيۡكَ مِنۡ أَنۢبَآءِ مَا قَدۡ سَبَقَۚ وَقَدۡ ءَاتَيۡنَٰكَ مِن لَّدُنَّا ذِكۡرٗا
(Ɔkͻmhyεni), saa na Yεrebͻ wo nsεm a asi atwamu no ho amaneε. Ampa sε Yεde Afutusεm fri Yεn hͻ ama wo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَّنۡ أَعۡرَضَ عَنۡهُ فَإِنَّهُۥ يَحۡمِلُ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وِزۡرًا
Na obiara a ͻbεdane ne ho afri ho no, nokorε sε wͻbεsoa adesoa a emu yε duro wͻ Wusͻreε Da no;
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
خَٰلِدِينَ فِيهِۖ وَسَآءَ لَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ حِمۡلٗا
Emu na wͻbεtena, na εbεyε adesoa bͻne ama wͻn wͻ Wusͻreε da no -,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَ يُنفَخُ فِي ٱلصُّورِۚ وَنَحۡشُرُ ٱلۡمُجۡرِمِينَ يَوۡمَئِذٖ زُرۡقٗا
Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu (deε εtͻ so mprenu no), saa Da no Yεbεboa abͻneεfoͻ no ano, wͻn ani bεyε (tumm) tesε bibire.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَتَخَٰفَتُونَ بَيۡنَهُمۡ إِن لَّبِثۡتُمۡ إِلَّا عَشۡرٗا
Wͻbεbrε wͻn nne ase akasa akyerε wͻn ho sε: “Motenaa (wiase) bεyε dadu bi “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
نَّحۡنُ أَعۡلَمُ بِمَا يَقُولُونَ إِذۡ يَقُولُ أَمۡثَلُهُمۡ طَرِيقَةً إِن لَّبِثۡتُمۡ إِلَّا يَوۡمٗا
Yɛnim deε wͻbεka, εberε a wͻn mu apapafoͻ a wͻnim de no bεka sε: “Motenaa bεyε dakoro bi “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيَسۡـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلۡجِبَالِ فَقُلۡ يَنسِفُهَا رَبِّي نَسۡفٗا
(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo fa mmepͻ nso ho asεm. Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn bɛbubu no gͻsͻgͻsͻ atu apete sε mfuturo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَيَذَرُهَا قَاعٗا صَفۡصَفٗا
Na Wama no adaso frεtεtεtεtε ayε no sε apaaso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لَّا تَرَىٰ فِيهَا عِوَجٗا وَلَآ أَمۡتٗا
Wonhunu deε akyea anaa akontono wͻ so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَئِذٖ يَتَّبِعُونَ ٱلدَّاعِيَ لَا عِوَجَ لَهُۥۖ وَخَشَعَتِ ٱلۡأَصۡوَاتُ لِلرَّحۡمَٰنِ فَلَا تَسۡمَعُ إِلَّا هَمۡسٗا
Saa Da no (adasamma nyinaa) bedi Ɔfrεfoͻ no a, (nefrε no) nkyea (nkͻ nifa anaa benkum) no akyi, na εnee (biara) bεberε ase ama Ahummͻborͻ Hene no, enti wonte hwee gyesε (nnipa) nan ase dede.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَئِذٖ لَّا تَنفَعُ ٱلشَّفَٰعَةُ إِلَّا مَنۡ أَذِنَ لَهُ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَرَضِيَ لَهُۥ قَوۡلٗا
Saa Da no ntwitwagyeε ho mma mfasoͻ (mma obiara) gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan na Wagye N’asεm ato mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَعۡلَمُ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡ وَلَا يُحِيطُونَ بِهِۦ عِلۡمٗا
Onim deε εda wͻn anim (wͻ wiase) ne deε da wͻn akyi (wͻ Daakye Atemmuda), na wͻn nimdeε nnuru Ne nimdeε ho hwee.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَعَنَتِ ٱلۡوُجُوهُ لِلۡحَيِّ ٱلۡقَيُّومِۖ وَقَدۡ خَابَ مَنۡ حَمَلَ ظُلۡمٗا
Animu nyinaa bεberε wͻn ho ase ama Ɔteasefoͻ no a Ͻde Ne ho tene ho ase daa no. Na ampa sε obi a ͻso bͻne no adi nkoguo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَن يَعۡمَلۡ مِنَ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَلَا يَخَافُ ظُلۡمٗا وَلَا هَضۡمٗا
Na obi a obedi dwuma pa, na ͻyε gyedieni no, onsuro sε yεbɛsisi no anaasε n’akatua so bεteε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَكَذَٰلِكَ أَنزَلۡنَٰهُ قُرۡءَانًا عَرَبِيّٗا وَصَرَّفۡنَا فِيهِ مِنَ ٱلۡوَعِيدِ لَعَلَّهُمۡ يَتَّقُونَ أَوۡ يُحۡدِثُ لَهُمۡ ذِكۡرٗا
Saa ara na Yɛasiane Qur’aan wͻ Arab kasa mu, εna Yɛakyerεkyerε kͻkͻbͻ no wͻ mu sεdeε wͻbεsuro Nyame anaasε εbεma wͻn afa adwen.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት