Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ   አንቀጽ:
قَالَ كَذَٰلِكَ أَتَتۡكَ ءَايَٰتُنَا فَنَسِيتَهَاۖ وَكَذَٰلِكَ ٱلۡيَوۡمَ تُنسَىٰ
Onyankopͻn bεka sε: “Saa ara na Y’asεm baa wo hͻ, nanso wo werε firiiε, na saa ara na εnnε yεwerε afri woͻ “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي مَنۡ أَسۡرَفَ وَلَمۡ يُؤۡمِنۢ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِۦۚ وَلَعَذَابُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَشَدُّ وَأَبۡقَىٰٓ
Saa ara na Yɛtua obi a odi bͻne na ͻnnye ne Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no so ka. Nokorε sε Daakye asotwee no ano yε den paa, na εwͻ hͻ daa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَفَلَمۡ يَهۡدِ لَهُمۡ كَمۡ أَهۡلَكۡنَا قَبۡلَهُم مِّنَ ٱلۡقُرُونِ يَمۡشُونَ فِي مَسَٰكِنِهِمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّأُوْلِي ٱلنُّهَىٰ
Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a Yɛadi wͻn anim kan asεe wͻn a wͻnenam faako a na wͻteteε no, εnyε kwankyerε (anaasε adesua) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mmadwenmmafoᴐ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَوۡلَا كَلِمَةٞ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ لَكَانَ لِزَامٗا وَأَجَلٞ مُّسَمّٗى
Sε asεm no nnii kan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, εna yɛahyehyε εberε no nso ato hͻ a, anka (asotwee no) bԑyε hͻ (ama wͻn wͻ wiase ha).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٱصۡبِرۡ عَلَىٰ مَا يَقُولُونَ وَسَبِّحۡ بِحَمۡدِ رَبِّكَ قَبۡلَ طُلُوعِ ٱلشَّمۡسِ وَقَبۡلَ غُرُوبِهَاۖ وَمِنۡ ءَانَآيِٕ ٱلَّيۡلِ فَسَبِّحۡ وَأَطۡرَافَ ٱلنَّهَارِ لَعَلَّكَ تَرۡضَىٰ
Enti (Ɔkͻmhyεni), wodeε nya deε wͻrekeka no ho aboterε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn no abodin ansa na awia apue, ansa na akͻtͻ, na bͻ no abodin anadwo dͻnhwere no bi mu, ne awia dͻnhwere no nso mu bi, sεdeε yεbεgye wo atom.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَمُدَّنَّ عَيۡنَيۡكَ إِلَىٰ مَا مَتَّعۡنَا بِهِۦٓ أَزۡوَٰجٗا مِّنۡهُمۡ زَهۡرَةَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا لِنَفۡتِنَهُمۡ فِيهِۚ وَرِزۡقُ رَبِّكَ خَيۡرٞ وَأَبۡقَىٰ
Na εnnyene w’ani nnhwε deε Yεde ama wͻn mu akuakuo no mu bi no; (εyε) wiase afεfεdeε. (Yεde ama wͻn) sεdeε Yεde bεyε wͻn nsͻhwε. Wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no (a Wahyε wo ho bͻ wͻ Atemmuda no, εno mmom) na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأۡمُرۡ أَهۡلَكَ بِٱلصَّلَوٰةِ وَٱصۡطَبِرۡ عَلَيۡهَاۖ لَا نَسۡـَٔلُكَ رِزۡقٗاۖ نَّحۡنُ نَرۡزُقُكَۗ وَٱلۡعَٰقِبَةُ لِلتَّقۡوَىٰ
Na hyε w’abusuafoͻ ma wͻnfrε Nyame, na nya (Nyamefrε no) ho aboterε. Yɛmmisa wo akͻnhoma. Yεn mmom na Yεbͻ wo akͻnhoma. Na awieε (pa) no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالُواْ لَوۡلَا يَأۡتِينَا بِـَٔايَةٖ مِّن رَّبِّهِۦٓۚ أَوَلَمۡ تَأۡتِهِم بَيِّنَةُ مَا فِي ٱلصُّحُفِ ٱلۡأُولَىٰ
Deε wͻka ne sε: “Adεn na ͻmfa nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε yεn?“ Nkyerεkyerεmu anaa nyinasoͻ pefee a εwͻ Nwoma a edii kan no mu no mmaa wͻn hͻ?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَوۡ أَنَّآ أَهۡلَكۡنَٰهُم بِعَذَابٖ مِّن قَبۡلِهِۦ لَقَالُواْ رَبَّنَا لَوۡلَآ أَرۡسَلۡتَ إِلَيۡنَا رَسُولٗا فَنَتَّبِعَ ءَايَٰتِكَ مِن قَبۡلِ أَن نَّذِلَّ وَنَخۡزَىٰ
Sε Yɛdii kan de asotwee sεee wͻn ansa na (Afutusεm) woi (reba) a, anka wͻbεkasε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, adεn nti na Wansoma ͻsomafoͻ bi wͻ yεn hͻ amma yɛanni W’asεm no akyi ansa na fεdeε ne animguaseε reto yεn?“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ كُلّٞ مُّتَرَبِّصٞ فَتَرَبَّصُواْۖ فَسَتَعۡلَمُونَ مَنۡ أَصۡحَٰبُ ٱلصِّرَٰطِ ٱلسَّوِيِّ وَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ
(Ɔkͻmhyεni), ka sε: “Obiara retwεn, enti monso montwεn na mobɛhu wͻn a wͻnam kwan pεpεεpε no soͻ ne obi a watene.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ጣሃ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት