Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ   አንቀጽ:
۞ وَٱذۡكُرُواْ ٱللَّهَ فِيٓ أَيَّامٖ مَّعۡدُودَٰتٖۚ فَمَن تَعَجَّلَ فِي يَوۡمَيۡنِ فَلَآ إِثۡمَ عَلَيۡهِ وَمَن تَأَخَّرَ فَلَآ إِثۡمَ عَلَيۡهِۖ لِمَنِ ٱتَّقَىٰۗ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّكُمۡ إِلَيۡهِ تُحۡشَرُونَ
Na momͻ Nyankopͻn abodin wͻ nna a y’atu asihͻ no mu. Na obi a ͻbεpε ntεm (afri Mina wͻ) nna mmienu (mu no), εnyε bͻne ma no. Obi nso a ͻbεka akyire no nso bͻne biara nni neso dema obia ͻbesuro Nyame. Enti monsuro Nyankopͻn na monhunu sε, sε εteε biara Nehͻ na mobεkͻ akohyia.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يُعۡجِبُكَ قَوۡلُهُۥ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَيُشۡهِدُ ٱللَّهَ عَلَىٰ مَا فِي قَلۡبِهِۦ وَهُوَ أَلَدُّ ٱلۡخِصَامِ
(Nkͻmhyεni), obi wͻ nnipa no mu a w’ani gye ne kasaa ho wͻ wiase ha, na ͻfrε Nyankopͻn di nse wͻ deε εwͻ n’akoma mu ho, aberε nso a ͻyε otiafoͻ kεseε paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذَا تَوَلَّىٰ سَعَىٰ فِي ٱلۡأَرۡضِ لِيُفۡسِدَ فِيهَا وَيُهۡلِكَ ٱلۡحَرۡثَ وَٱلنَّسۡلَۚ وَٱللَّهُ لَا يُحِبُّ ٱلۡفَسَادَ
Sε ͻbrekyi anaa onya tumi a, ͻbɔ mmͻden sε obedi nsεmmͻne wͻ asaase no so asεe mfudeε ne awoͻ ntoatoasoͻ. Nanso Nyankopͻn mpε nsεmͻnee.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذَا قِيلَ لَهُ ٱتَّقِ ٱللَّهَ أَخَذَتۡهُ ٱلۡعِزَّةُ بِٱلۡإِثۡمِۚ فَحَسۡبُهُۥ جَهَنَّمُۖ وَلَبِئۡسَ ٱلۡمِهَادُ
Sε yεka kyerε no sε: “Suro Nyame” a, tumi hyε no so ma no yε bͻne. Enti (saa nipa no) Amanehunu gya no som bo ma no, na ampa sε εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَشۡرِي نَفۡسَهُ ٱبۡتِغَآءَ مَرۡضَاتِ ٱللَّهِۚ وَٱللَّهُ رَءُوفُۢ بِٱلۡعِبَادِ
Nnipa no mu bi wͻ hͻ a ͻtͻn ne ho de hwehwε Nyankopͻn nyetomu. Nyankopͻn yε Ayεmyε ne Ntimmͻborͻ Hene dema Nenkoa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱدۡخُلُواْ فِي ٱلسِّلۡمِ كَآفَّةٗ وَلَا تَتَّبِعُواْ خُطُوَٰتِ ٱلشَّيۡطَٰنِۚ إِنَّهُۥ لَكُمۡ عَدُوّٞ مُّبِينٞ
Mo a moagye adie, monfa moakoma nyinaa nwura Islam mu, na monhwε yie na moanni ͻbonsam anamͻn akyi. Nokorε sε ͻyε motamfo a ͻda adi pefee.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَإِن زَلَلۡتُم مِّنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَتۡكُمُ ٱلۡبَيِّنَٰتُ فَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٌ
Sε mowatri wͻ akyire yi a nyinasoͻ pefee aba monkyεn yi a, εneε monhunu sε, nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّآ أَن يَأۡتِيَهُمُ ٱللَّهُ فِي ظُلَلٖ مِّنَ ٱلۡغَمَامِ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ وَقُضِيَ ٱلۡأَمۡرُۚ وَإِلَى ٱللَّهِ تُرۡجَعُ ٱلۡأُمُورُ
Enti deε wᴐ’retwεn ne sε Nyankopɔn ne Soro Abɔfoɔ befri mununkum nyunu mu aba wᴐn hᴐ? (Saa berε no) deε na asεm no anya asa. Na Nyankopɔn hɔ na nsεm nyinaa kowie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት