Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ   አንቀጽ:
۞ لَّيۡسَ ٱلۡبِرَّ أَن تُوَلُّواْ وُجُوهَكُمۡ قِبَلَ ٱلۡمَشۡرِقِ وَٱلۡمَغۡرِبِ وَلَٰكِنَّ ٱلۡبِرَّ مَنۡ ءَامَنَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ وَٱلۡكِتَٰبِ وَٱلنَّبِيِّـۧنَ وَءَاتَى ٱلۡمَالَ عَلَىٰ حُبِّهِۦ ذَوِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡيَتَٰمَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينَ وَٱبۡنَ ٱلسَّبِيلِ وَٱلسَّآئِلِينَ وَفِي ٱلرِّقَابِ وَأَقَامَ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتَى ٱلزَّكَوٰةَ وَٱلۡمُوفُونَ بِعَهۡدِهِمۡ إِذَا عَٰهَدُواْۖ وَٱلصَّٰبِرِينَ فِي ٱلۡبَأۡسَآءِ وَٱلضَّرَّآءِ وَحِينَ ٱلۡبَأۡسِۗ أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ صَدَقُواْۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُتَّقُونَ
Ɛnyε papa yε no nesε, mode moanim bεkyerε Apueε anaasε Atͻeε, na mmom papayε no ne obi a, w’agye Nyankopͻn, ne Soro abͻfoͻ, ne (Adiyisεm) Nwoma no, ne Nkͻmhyεfoͻ no adie, na w’agyina Nyankopͻn ho dͻ so ayi agyapadeε bi aboa abusua, ne nyanka, ne ahiafoͻ, ne akwantufoͻ, ne adesrεfoͻ anaa wᴐn a wᴐ’hia mmoa, ne nneduafoͻ; na w’afrε Nyame wͻ nebrε mu, na w’ayi Zaka; ne wͻn a wͻ’hyε bͻ a wͻ’di wͻn bͻhyε no soͻ, ne wͻn a wͻ’si aboterε wͻ ͻhaw ne ahokyerε mu ne berε a ͻkoo wͻ mu. Saa nkorͻfoͻ no na wɔ’di nokorɛ, na wͻ’ne Nyame-surofoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ كُتِبَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡقِصَاصُ فِي ٱلۡقَتۡلَىۖ ٱلۡحُرُّ بِٱلۡحُرِّ وَٱلۡعَبۡدُ بِٱلۡعَبۡدِ وَٱلۡأُنثَىٰ بِٱلۡأُنثَىٰۚ فَمَنۡ عُفِيَ لَهُۥ مِنۡ أَخِيهِ شَيۡءٞ فَٱتِّبَاعُۢ بِٱلۡمَعۡرُوفِ وَأَدَآءٌ إِلَيۡهِ بِإِحۡسَٰنٖۗ ذَٰلِكَ تَخۡفِيفٞ مِّن رَّبِّكُمۡ وَرَحۡمَةٞۗ فَمَنِ ٱعۡتَدَىٰ بَعۡدَ ذَٰلِكَ فَلَهُۥ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Mo a moagye adie, yahyehyε awudie so akatua (ho mmara) ama mo: Ɔdehyeε (na odii awuo a, saa) ͻdehyeε no ara (na yenku no), na ͻdͻnkͻ nso a ͻdͻnkͻ (no ara), ͻbaa nso a, ͻbaa (no ara). Na mmom sε obi a yaku no no nua de bͻne no kyε na obisa biribi (anaasε mpata deε a), moni so wͻ kwan pa so, na mompata no wͻ ayεmyε mu. Woi yε adeε a emu dwoͻ san yε mmͻborͻhunu a efiri mo Wura Nyankopͻn hͻ. Na obi a woi akyi no ͻbeyi ͻtan adie no, εneε (saa nipa no) wͻ aso twee a εyε ya paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَكُمۡ فِي ٱلۡقِصَاصِ حَيَوٰةٞ يَٰٓأُوْلِي ٱلۡأَلۡبَٰبِ لَعَلَّكُمۡ تَتَّقُونَ
Amanfoͻ a mote asεm aseε, nkwa wͻ awudie so akatua ho mmara no mu ma mo, sεdeε ԑbεma mo asuro Nyame ayε ahwεyie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
كُتِبَ عَلَيۡكُمۡ إِذَا حَضَرَ أَحَدَكُمُ ٱلۡمَوۡتُ إِن تَرَكَ خَيۡرًا ٱلۡوَصِيَّةُ لِلۡوَٰلِدَيۡنِ وَٱلۡأَقۡرَبِينَ بِٱلۡمَعۡرُوفِۖ حَقًّا عَلَى ٱلۡمُتَّقِينَ
Y’ahyehyε ama mo sε, sε owuo ba obi so na ogya agyapadeε a, ͻnyε nsamanseε ma awofoͻ ne abusua wͻ kwan pa so. (Saa asεm yi yε) asεdeε a, εda Nyame-surofoͻ no soͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَمَنۢ بَدَّلَهُۥ بَعۡدَ مَا سَمِعَهُۥ فَإِنَّمَآ إِثۡمُهُۥ عَلَى ٱلَّذِينَ يُبَدِّلُونَهُۥٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَمِيعٌ عَلِيمٞ
Na obi a ͻbεsesa (saa asεm yi) wͻ akyire yi a wateε no, εso bͻne no da wͻn a wͻ’sesaa no no so. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ na Ɔne Onimdefoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-በቀራህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት