Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 隋德   段:
وَقَالُواْ مَا لَنَا لَا نَرَىٰ رِجَالٗا كُنَّا نَعُدُّهُم مِّنَ ٱلۡأَشۡرَارِ
Wͻbεka sε: ”Adεn na yɛnhu mmarima no a na yεkan wͻn ka abͻneεfoͻ no ho no?“
阿拉伯语经注:
أَتَّخَذۡنَٰهُمۡ سِخۡرِيًّا أَمۡ زَاغَتۡ عَنۡهُمُ ٱلۡأَبۡصَٰرُ
Yɛdii wͻn ho fεw bi kwa anaasε (yɛ) ani mmom na apa wͻn soͻ?”
阿拉伯语经注:
إِنَّ ذَٰلِكَ لَحَقّٞ تَخَاصُمُ أَهۡلِ ٱلنَّارِ
Ampa sε εno ne nokorε. Egya no mu foͻ no reko.
阿拉伯语经注:
قُلۡ إِنَّمَآ أَنَا۠ مُنذِرٞۖ وَمَا مِنۡ إِلَٰهٍ إِلَّا ٱللَّهُ ٱلۡوَٰحِدُ ٱلۡقَهَّارُ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Medeε meyε kͻkͻbͻni, na Awurade (foforͻ) biara nni hͻ, gyesε Onyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn boro biribiara soͻ no.
阿拉伯语经注:
رَبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡغَفَّٰرُ
Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinfii no Wura, Otumfoͻ Bͻnefakyε Hene no“.
阿拉伯语经注:
قُلۡ هُوَ نَبَؤٌاْ عَظِيمٌ
Ka sε: “(Qur’aan yi mu nsεm no) yε amanebͻ kεseε paa --
阿拉伯语经注:
أَنتُمۡ عَنۡهُ مُعۡرِضُونَ
Ɛna moretwe mo ho firi ho no!
阿拉伯语经注:
مَا كَانَ لِيَ مِنۡ عِلۡمِۭ بِٱلۡمَلَإِ ٱلۡأَعۡلَىٰٓ إِذۡ يَخۡتَصِمُونَ
(Sε εnyε Adiyisεm a Nyankopͻn ayi akyerε me a, anka) me nni ͻsoro nhemfo (abͻfoͻ) no ho nimdeε wͻ εberε a na wͻregye (Adam ho) nkyingyeε no.
阿拉伯语经注:
إِن يُوحَىٰٓ إِلَيَّ إِلَّآ أَنَّمَآ أَنَا۠ نَذِيرٞ مُّبِينٌ
Deε yɛayi akyerε me ara ne sε, meyε kͻkͻbͻni pefee.
阿拉伯语经注:
إِذۡ قَالَ رَبُّكَ لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ إِنِّي خَٰلِقُۢ بَشَرٗا مِّن طِينٖ
Ɛberε a wo Wura Nyankopͻn ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Mede nεteε rebεbͻ onipa.
阿拉伯语经注:
فَإِذَا سَوَّيۡتُهُۥ وَنَفَخۡتُ فِيهِ مِن رُّوحِي فَقَعُواْ لَهُۥ سَٰجِدِينَ
Sε Me nwene no, na Mehome Me honhom gu ne mu a, momrε mo ho ase mfa mo anim mutu fͻm ma no.
阿拉伯语经注:
فَسَجَدَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ كُلُّهُمۡ أَجۡمَعُونَ
Soro abͻfoͻ no nyinaa bͻͻ mu de wͻn anim butuu fͻm,
阿拉伯语经注:
إِلَّآ إِبۡلِيسَ ٱسۡتَكۡبَرَ وَكَانَ مِنَ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Gyesε Iblis, ͻyεε ahomasoͻ, na ͻka boniayεfoͻ no ho.
阿拉伯语经注:
قَالَ يَٰٓإِبۡلِيسُ مَا مَنَعَكَ أَن تَسۡجُدَ لِمَا خَلَقۡتُ بِيَدَيَّۖ أَسۡتَكۡبَرۡتَ أَمۡ كُنتَ مِنَ ٱلۡعَالِينَ
(Nyankopͻn) kaa sε: “Iblis, εdeεn na asi wo kwan a woamfa w’anim ammͻ fͻm amma deε Mede me nsa abͻ? Woayε akεsesεm anaasε woka wͻn a wͻma wͻn ho soͻ no ho?
阿拉伯语经注:
قَالَ أَنَا۠ خَيۡرٞ مِّنۡهُ خَلَقۡتَنِي مِن نَّارٖ وَخَلَقۡتَهُۥ مِن طِينٖ
(Iblis) kaa sε: “Meyԑ kyεn no: Wobͻͻ me firi egya mu, εna Wobͻͻ ͻno nso firi nεteε mu “.
阿拉伯语经注:
قَالَ فَٱخۡرُجۡ مِنۡهَا فَإِنَّكَ رَجِيمٞ
(Nyankopͻn) kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ! Nokorε sε woka wͻn a yɛato wͻn atwene no ho.
阿拉伯语经注:
وَإِنَّ عَلَيۡكَ لَعۡنَتِيٓ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلدِّينِ
Nokorε sε, Menomee wͻ wo so kͻpem Atemmuda “.
阿拉伯语经注:
قَالَ رَبِّ فَأَنظِرۡنِيٓ إِلَىٰ يَوۡمِ يُبۡعَثُونَ
(Iblis) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εneε ma me berε kͻpem da a yεbenyane awufoͻ“.
阿拉伯语经注:
قَالَ فَإِنَّكَ مِنَ ٱلۡمُنظَرِينَ
(Onyankopͻn) kaa sε: “Woka wͻn a yɛama wͻn berε no ho,
阿拉伯语经注:
إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡوَقۡتِ ٱلۡمَعۡلُومِ
Kͻpem εda no berε a yɛahyε no “.
阿拉伯语经注:
قَالَ فَبِعِزَّتِكَ لَأُغۡوِيَنَّهُمۡ أَجۡمَعِينَ
(Iblis) kaa sε: “Mede Wo tumi di nse sε, mεyera wͻn nyinaa,
阿拉伯语经注:
إِلَّا عِبَادَكَ مِنۡهُمُ ٱلۡمُخۡلَصِينَ
Gyesε Wonkoa nokorεfoͻ a εwͻ wͻn mu no”.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 隋德
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭