Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 塔哈   段:
فَأَخۡرَجَ لَهُمۡ عِجۡلٗا جَسَدٗا لَّهُۥ خُوَارٞ فَقَالُواْ هَٰذَآ إِلَٰهُكُمۡ وَإِلَٰهُ مُوسَىٰ فَنَسِيَ
Oyii nantwi bedeε honam a εwͻ nnee (frii ogya no mu) maa wͻn, ԑna wͻkaa sε: ”Woi ne mo nyame no ne Mose nyame no, nanso (Mose) werε afi “
阿拉伯语经注:
أَفَلَا يَرَوۡنَ أَلَّا يَرۡجِعُ إِلَيۡهِمۡ قَوۡلٗا وَلَا يَمۡلِكُ لَهُمۡ ضَرّٗا وَلَا نَفۡعٗا
Enti wͻnhunu sε (nantwie no) mma wͻn asεm biara ho mmuaeε, na enni tumi bi a εde ͻhaw anaasε mfasoͻ bi berε wͻn?”
阿拉伯语经注:
وَلَقَدۡ قَالَ لَهُمۡ هَٰرُونُ مِن قَبۡلُ يَٰقَوۡمِ إِنَّمَا فُتِنتُم بِهِۦۖ وَإِنَّ رَبَّكُمُ ٱلرَّحۡمَٰنُ فَٱتَّبِعُونِي وَأَطِيعُوٓاْ أَمۡرِي
Ampa sε Aaron dii kan ka kyerεε wͻn sε: “Me nkorͻfoͻ, yεde woi ayε mo nsͻhwε, mo Wura no ne Ahummͻborͻ Hene no, enti moni m’akyi na moni m’ahyεdeε so “.
阿拉伯语经注:
قَالُواْ لَن نَّبۡرَحَ عَلَيۡهِ عَٰكِفِينَ حَتَّىٰ يَرۡجِعَ إِلَيۡنَا مُوسَىٰ
Wͻkaa sε: “Yɛnnyae (nantwi bedeε) no som kͻpem sε, Mose bεsan aba yεn hͻ.
阿拉伯语经注:
قَالَ يَٰهَٰرُونُ مَا مَنَعَكَ إِذۡ رَأَيۡتَهُمۡ ضَلُّوٓاْ
(Mose san baeε no) ͻkaa sε: “Aaron, εdeεn na esii wo kwan (na wantea wͻn) wͻ εberε a wohunuu sε wͻreyera,
阿拉伯语经注:
أَلَّا تَتَّبِعَنِۖ أَفَعَصَيۡتَ أَمۡرِي
Na wanni m’akyi (sεdeε mehyεε woͻ)? Enti wabu m’ahyedeε so?”
阿拉伯语经注:
قَالَ يَبۡنَؤُمَّ لَا تَأۡخُذۡ بِلِحۡيَتِي وَلَا بِرَأۡسِيٓۖ إِنِّي خَشِيتُ أَن تَقُولَ فَرَّقۡتَ بَيۡنَ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ وَلَمۡ تَرۡقُبۡ قَوۡلِي
(Aaron) kaa sε: ”Eno ba, mpari nnsͻ meti anaa m'abͻdwesε mu. Nokorε sε, na mesuro sε, anhwε a waka sε: “Wama mpaepaemu aba Israel mma no ntεm, na woantwεn m’asεm a mεka “.
阿拉伯语经注:
قَالَ فَمَا خَطۡبُكَ يَٰسَٰمِرِيُّ
(Mose) kaa sε: ”Saamiri, w’asεm ne sεn?” (Anaasε εdeεn nti na woyεε saa)?
阿拉伯语经注:
قَالَ بَصُرۡتُ بِمَا لَمۡ يَبۡصُرُواْ بِهِۦ فَقَبَضۡتُ قَبۡضَةٗ مِّنۡ أَثَرِ ٱلرَّسُولِ فَنَبَذۡتُهَا وَكَذَٰلِكَ سَوَّلَتۡ لِي نَفۡسِي
Ɔkaa sε ”Mehunuu deε wͻn nhunuiε, enti me saa (mfuturo) me nsa mma frii ͻbͻfoͻ no anamͻn so, εna meto guu (ogya no a Farao nkorͻfoͻ no agudeε no wͻ mu no mu), na deε m'adwen kyerεε me ne no “.
阿拉伯语经注:
قَالَ فَٱذۡهَبۡ فَإِنَّ لَكَ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ أَن تَقُولَ لَا مِسَاسَۖ وَإِنَّ لَكَ مَوۡعِدٗا لَّن تُخۡلَفَهُۥۖ وَٱنظُرۡ إِلَىٰٓ إِلَٰهِكَ ٱلَّذِي ظَلۡتَ عَلَيۡهِ عَاكِفٗاۖ لَّنُحَرِّقَنَّهُۥ ثُمَّ لَنَنسِفَنَّهُۥ فِي ٱلۡيَمِّ نَسۡفًا
(Mose) kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ. (W’aso twee) wͻ asetena yi mu ne sε wobeka sε. “Ɛnsͻ me mu “. Wo wͻ bͻhyε a yɛmmu soͻ. Hwε wo nyame a wode wo ho ama no no, nokorε sε yεbεhye no na yɛato apete wͻ ͻpo no mu“.
阿拉伯语经注:
إِنَّمَآ إِلَٰهُكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۚ وَسِعَ كُلَّ شَيۡءٍ عِلۡمٗا
Mo Awurade no deε Ɔne Nyankopͻn no a awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara no, na (Ne) nimdeε trε (kata) biribiara soᴐ no.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 塔哈
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭