Check out the new design

《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 * - 译解目录

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

含义的翻译 章: 伊斯拉仪   段:
وَبِٱلۡحَقِّ أَنزَلۡنَٰهُ وَبِٱلۡحَقِّ نَزَلَۗ وَمَآ أَرۡسَلۡنَٰكَ إِلَّا مُبَشِّرٗا وَنَذِيرٗا
Yεde Nokorε na esianee (Qur’aan) no, na εde Nokorε nso na εbaeε. Deε enti Yεsomaa woͻ ne sε, fa (ͻsoro Aheman no mu) anigyesεm bεhyԑ (agyidiefoͻ no) bᴐ, na fa (asotwee no nso ho asεm no) bͻ (amanfoͻ no) kͻkͻ.
阿拉伯语经注:
وَقُرۡءَانٗا فَرَقۡنَٰهُ لِتَقۡرَأَهُۥ عَلَى ٱلنَّاسِ عَلَىٰ مُكۡثٖ وَنَزَّلۡنَٰهُ تَنزِيلٗا
Ԑyԑ Qur’aan a Yɛakyekyε mu, sεdeε wobεkenkan akyerε adasamma wͻ ntooboaseε mu, na Yɛsianee no nkakrankakra (wͻ mfeɛ aduonu mmiεnsa ntεm).
阿拉伯语经注:
قُلۡ ءَامِنُواْ بِهِۦٓ أَوۡ لَا تُؤۡمِنُوٓاْۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ مِن قَبۡلِهِۦٓ إِذَا يُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ يَخِرُّونَۤ لِلۡأَذۡقَانِۤ سُجَّدٗاۤ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε mogye (Qur’aan) yi di o, sε monnye ni o, wͻn a yɛama wͻn nimdeε ansa na (Qur’aan yi reba no), sε yεkenkan kyerε wͻn a wͻde wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm wͻ ahobraseε mu -:
阿拉伯语经注:
وَيَقُولُونَ سُبۡحَٰنَ رَبِّنَآ إِن كَانَ وَعۡدُ رَبِّنَا لَمَفۡعُولٗا
Na wͻka sε: “Kronkron Hene ne Yɛ Wura Nyankopͻn! Nokorε sε, Yɛ Wura Nyankopͻn bͻhyε bεyε hͻ”.
阿拉伯语经注:
وَيَخِرُّونَ لِلۡأَذۡقَانِ يَبۡكُونَ وَيَزِيدُهُمۡ خُشُوعٗا۩
Wͻde wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm su, na εma wͻkͻ so nya ahobraseε.
阿拉伯语经注:
قُلِ ٱدۡعُواْ ٱللَّهَ أَوِ ٱدۡعُواْ ٱلرَّحۡمَٰنَۖ أَيّٗا مَّا تَدۡعُواْ فَلَهُ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰۚ وَلَا تَجۡهَرۡ بِصَلَاتِكَ وَلَا تُخَافِتۡ بِهَا وَٱبۡتَغِ بَيۡنَ ذَٰلِكَ سَبِيلٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Monsu mfrε Allah anaasε monsu mfrε Rahmaan (Ahummͻborͻ Hene no), edin biara a mode besu afrε no no (Ɔbεgye moso), efrisε Ɔno na Ɔwͻ abodin pa. Ɛmmͻ wo mpaeε dendeenden, na εnyε ho anomum nso, na ͻkwan mmienu yi ntεm na fa so (bͻ mpaeε).
阿拉伯语经注:
وَقُلِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِي لَمۡ يَتَّخِذۡ وَلَدٗا وَلَمۡ يَكُن لَّهُۥ شَرِيكٞ فِي ٱلۡمُلۡكِ وَلَمۡ يَكُن لَّهُۥ وَلِيّٞ مِّنَ ٱلذُّلِّۖ وَكَبِّرۡهُ تَكۡبِيرَۢا
Na ka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Ɔnwo ba, na Onni Ɔhokafoͻ wͻ ahennie no mu, na Onni Ɔboafoͻ εnam mmrε yε ho nti, na fa Nekεseyε abodin no bͻ no abodin.
阿拉伯语经注:
 
含义的翻译 章: 伊斯拉仪
章节目录 页码
 
《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔 - 译解目录

由谢赫·哈伦·伊斯玛仪翻译。

关闭