Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Baqarah   Ayah:
فَمَنۡ خَافَ مِن مُّوصٖ جَنَفًا أَوۡ إِثۡمٗا فَأَصۡلَحَ بَيۡنَهُمۡ فَلَآ إِثۡمَ عَلَيۡهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Obi a osuro mfomsoͻ anaa anidaho bͻne bi wͻ nea ɔreyε nsamanseε no hͻ (anaa nea ɔregye nsamanseε no hͻ), na sε ͻtoto wͻn ntεm ntotoeε pa a, bͻne biara nna ne so. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Ang mga Tafsir na Arabe:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ كُتِبَ عَلَيۡكُمُ ٱلصِّيَامُ كَمَا كُتِبَ عَلَى ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تَتَّقُونَ
Mo a moagye adie, yayε akyiriwia nhyε ama mo sεdeε yεyεε no nhyε maa (agyidiefoͻ) no a wͻ’dii moanim kan no sεdeε mobesuro Nyame ayε ahwεyie.
Ang mga Tafsir na Arabe:
أَيَّامٗا مَّعۡدُودَٰتٖۚ فَمَن كَانَ مِنكُم مَّرِيضًا أَوۡ عَلَىٰ سَفَرٖ فَعِدَّةٞ مِّنۡ أَيَّامٍ أُخَرَۚ وَعَلَى ٱلَّذِينَ يُطِيقُونَهُۥ فِدۡيَةٞ طَعَامُ مِسۡكِينٖۖ فَمَن تَطَوَّعَ خَيۡرٗا فَهُوَ خَيۡرٞ لَّهُۥۚ وَأَن تَصُومُواْ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ
(Akyiriwia nna no) yε nna dodoᴐ bi a yatu asi hɔ. Na momu obi a ɔyareε, anaa ͻwͻ akwantuo mu (na εno nti w’antumi annyε akyiriwia no), ͻbεyε akyiriwia (a yadeε anaa akwantuo nti wannyε no) wͻ nna foforͻ mu. Wͻn nso a (akyiriwia no) yε den ma wͻn (tesε nkɔkora ne mmerewa ne wɔn a wɔ’yare yadeε koankorɔ ne apemfoɔ ne mmaa a wɔn awo foforɔ na wɔ’rema wɔn mma nufoɔ) no, bεma ohiani aduane de ayε mpata. Obi nso a ͻbefiri ͻno ara nepε mu ayε papa bi no, εyε papa ma ɔno ara. Na sε moyε akyiriwia no a εyε ma mo paa sε anka monim (εho mfasoͻ) a.
Ang mga Tafsir na Arabe:
شَهۡرُ رَمَضَانَ ٱلَّذِيٓ أُنزِلَ فِيهِ ٱلۡقُرۡءَانُ هُدٗى لِّلنَّاسِ وَبَيِّنَٰتٖ مِّنَ ٱلۡهُدَىٰ وَٱلۡفُرۡقَانِۚ فَمَن شَهِدَ مِنكُمُ ٱلشَّهۡرَ فَلۡيَصُمۡهُۖ وَمَن كَانَ مَرِيضًا أَوۡ عَلَىٰ سَفَرٖ فَعِدَّةٞ مِّنۡ أَيَّامٍ أُخَرَۗ يُرِيدُ ٱللَّهُ بِكُمُ ٱلۡيُسۡرَ وَلَا يُرِيدُ بِكُمُ ٱلۡعُسۡرَ وَلِتُكۡمِلُواْ ٱلۡعِدَّةَ وَلِتُكَبِّرُواْ ٱللَّهَ عَلَىٰ مَا هَدَىٰكُمۡ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Ramadaan bosome no mu na yesianee Qur’aan baeε demaa adasamma sԑ kwan kyerεdeε, ne nkyerεkyerԑmu a ԑkyerԑ kwankyerε no mu pefee, da nokorε ne nkontompo adie. Enti mo mu biara a, ɔwɔ hɔ wɔ Bosome no mu no, ɔnyε akyiriwia wɔ mu. Na obi a ᴐyareԑ anaa ɔwɔ akwantuo mu (a wantumi anyε no,) ontua nna dodoɔ no pεpεεpε wɔ nna foforɔ mu. Onyankopɔn pεsε (biribiara) yε bɔkɔɔ ma mo, na Ɔmpεsε moho bεkyere mo, ne sεdeε mobetumi awie mmerε no, na mobɛbɔ Onyankopɔn abodin sεdeε wakyerε mo kwan, ne sεdeε mobeyi no ayɛ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَإِذَا سَأَلَكَ عِبَادِي عَنِّي فَإِنِّي قَرِيبٌۖ أُجِيبُ دَعۡوَةَ ٱلدَّاعِ إِذَا دَعَانِۖ فَلۡيَسۡتَجِيبُواْ لِي وَلۡيُؤۡمِنُواْ بِي لَعَلَّهُمۡ يَرۡشُدُونَ
Sε Menkoa no bisa wo fa Meho a, (yi wɔn ano sε): Nokorε, Mebεn (wɔn) paa; obiara a osu frε Me no Megye no so, sε osu frε Me a. Enti wɔn nso wɔnye Me so na wɔnye Me nni, sεdeε wɔ’benya kwankyerɛ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Al-Baqarah
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara