Check out the new design

د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل * - د ژباړو فهرست (لړلیک)

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

د معناګانو ژباړه سورت: فاطر   آیت:
وَٱلَّذِيٓ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ مِنَ ٱلۡكِتَٰبِ هُوَ ٱلۡحَقُّ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِۗ إِنَّ ٱللَّهَ بِعِبَادِهِۦ لَخَبِيرُۢ بَصِيرٞ
Nwoma no mu deε Yɛayi akyerε woͻ no εno ne nokorε no a εrehyε deε edi n’anim kan no ma. Nokorε sε Onyankopͻn ani tua N’akoa, na Ɔhu biribiara.
عربي تفسیرونه:
ثُمَّ أَوۡرَثۡنَا ٱلۡكِتَٰبَ ٱلَّذِينَ ٱصۡطَفَيۡنَا مِنۡ عِبَادِنَاۖ فَمِنۡهُمۡ ظَالِمٞ لِّنَفۡسِهِۦ وَمِنۡهُم مُّقۡتَصِدٞ وَمِنۡهُمۡ سَابِقُۢ بِٱلۡخَيۡرَٰتِ بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَضۡلُ ٱلۡكَبِيرُ
Afei Yεde Yε’nkoa no mu bi a yɛyii wͻn bɛdii Nwoma no akonwa; wͻn mu bi yԑε bͻne tiaa wᴐn ho, na ebinom nso (dwumadie) yε hͻ-ne-hͻ, na wᴐn mu bi nso di papayᴐ ho akansie wᴐ Nyankopᴐn pε mu, εno ne adom kεseε no.
عربي تفسیرونه:
جَنَّٰتُ عَدۡنٖ يَدۡخُلُونَهَا يُحَلَّوۡنَ فِيهَا مِنۡ أَسَاوِرَ مِن ذَهَبٖ وَلُؤۡلُؤٗاۖ وَلِبَاسُهُمۡ فِيهَا حَرِيرٞ
(Saa nkorͻfoͻ no) bεkͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu, na yεde sika kͻkͻͻ mpͻkoa ne nhwenepa bɛsiesie wͻn na wͻbɛfira kyeme ntoma pa wͻ hͻ.
عربي تفسیرونه:
وَقَالُواْ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِيٓ أَذۡهَبَ عَنَّا ٱلۡحَزَنَۖ إِنَّ رَبَّنَا لَغَفُورٞ شَكُورٌ
Wͻbεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Wayi awerεhoͻ afiri yεn soͻ. Nokorε sε, Yɛn wura ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura.
عربي تفسیرونه:
ٱلَّذِيٓ أَحَلَّنَا دَارَ ٱلۡمُقَامَةِ مِن فَضۡلِهِۦ لَا يَمَسُّنَا فِيهَا نَصَبٞ وَلَا يَمَسُّنَا فِيهَا لُغُوبٞ
(Onyankopͻn) no ara N’adom mu no Ɔde yεn atena Daa asetena yi mu na ͻberε nto yεn, na ͻhaw nso mma yεn soͻ.
عربي تفسیرونه:
وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَهُمۡ نَارُ جَهَنَّمَ لَا يُقۡضَىٰ عَلَيۡهِمۡ فَيَمُوتُواْ وَلَا يُخَفَّفُ عَنۡهُم مِّنۡ عَذَابِهَاۚ كَذَٰلِكَ نَجۡزِي كُلَّ كَفُورٖ
Wͻn a wͻyi boniayε no nso wͻ Amanehunu gya; yεnhyehyεε εberε mmaa wͻn sε wͻbɛwu (wͻ Ogya no mu), na yεngo emu asotwee no mu mma wͻn koraa. Saa ara na yɛtua (onipa) biara a oyi boniayε no so ka.
عربي تفسیرونه:
وَهُمۡ يَصۡطَرِخُونَ فِيهَا رَبَّنَآ أَخۡرِجۡنَا نَعۡمَلۡ صَٰلِحًا غَيۡرَ ٱلَّذِي كُنَّا نَعۡمَلُۚ أَوَلَمۡ نُعَمِّرۡكُم مَّا يَتَذَكَّرُ فِيهِ مَن تَذَكَّرَ وَجَآءَكُمُ ٱلنَّذِيرُۖ فَذُوقُواْ فَمَا لِلظَّٰلِمِينَ مِن نَّصِيرٍ
Wͻbɛsu esu denden wͻ mu {aka) sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, yi yεn (firi amane-hunu yi) mu, na ma yεnsan nkͻ wiase bio na) yɛbɛdi dwumapa a εnyε dwuma bͻne a na yɛdie no. (Onyankopͻn bεka sε): “Yɛamma mo nkwa tenten a anka obia ͻde bɛtu (neho) foͻ no (bɛtumi) de atu (neho) foͻ? Kͻkͻbͻni no nso baa mo hͻ”. Enti monka (mo dwumadie so aba) nhwε, na abͻneεfoͻ no deε wͻnnya boafoͻ.
عربي تفسیرونه:
إِنَّ ٱللَّهَ عَٰلِمُ غَيۡبِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Nokorε sε, Onyankopכn ne ͻsoro ne asaase so Nsumaeε mu Nimdefoͻ. Nokorε sε Ɔnim deε εwͻ akoma mu.
عربي تفسیرونه:
 
د معناګانو ژباړه سورت: فاطر
د سورتونو فهرست (لړلیک) د مخ نمبر
 
د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل - د ژباړو فهرست (لړلیک)

د شیخ هارون اسماعیل لخوا ژباړل شوی.

بندول