Check out the new design

Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail * - Daftar isi terjemahan

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Terjemahan makna Surah: An-Nisā`   Ayah:
وَٱلَّذِينَ يُنفِقُونَ أَمۡوَٰلَهُمۡ رِئَآءَ ٱلنَّاسِ وَلَا يُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَلَا بِٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۗ وَمَن يَكُنِ ٱلشَّيۡطَٰنُ لَهُۥ قَرِينٗا فَسَآءَ قَرِينٗا
Wͻn nso a wͻ’yi wͻn sika (anaa agyapadeε) dema sεdeε nnipa behu, na wͻ’nnye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no nnie no; na obi a neyͻnko ne ͻbonsam deε, ͻyͻnko bͻne paa ne no.
Tafsir berbahasa Arab:
وَمَاذَا عَلَيۡهِمۡ لَوۡ ءَامَنُواْ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَأَنفَقُواْ مِمَّا رَزَقَهُمُ ٱللَّهُۚ وَكَانَ ٱللَّهُ بِهِمۡ عَلِيمًا
Sε anka wͻ’regye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adi, ayi deε Nyankopͻn de ama wͻn no mu bi ama (wͻ Nyame kwan so) a, anka deεn na εbεyε wͻn? Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim wͻn yie paa.
Tafsir berbahasa Arab:
إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَظۡلِمُ مِثۡقَالَ ذَرَّةٖۖ وَإِن تَكُ حَسَنَةٗ يُضَٰعِفۡهَا وَيُؤۡتِ مِن لَّدُنۡهُ أَجۡرًا عَظِيمٗا
Nokorε sε Nyankopͻn nsisi (obi) ketekete tesε aboboaa (a ani ntumi nhunu); sε papa bi (na obi bεyε a), Ɔde (n’akatua no) bͻ ho, na W’ama no akatua a efri Ne hͻ a εsom bo.
Tafsir berbahasa Arab:
فَكَيۡفَ إِذَا جِئۡنَا مِن كُلِّ أُمَّةِۭ بِشَهِيدٖ وَجِئۡنَا بِكَ عَلَىٰ هَٰٓؤُلَآءِ شَهِيدٗا
Sε Yε’de ͻman biara adansefoͻ ba, na (saa Da no) Yε’de wo (Muhammad) nso ba bedi woi nom ho adanseε a, (saa Da no abͻneεfoͻ no) bεyε dεn?
Tafsir berbahasa Arab:
يَوۡمَئِذٖ يَوَدُّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَعَصَوُاْ ٱلرَّسُولَ لَوۡ تُسَوَّىٰ بِهِمُ ٱلۡأَرۡضُ وَلَا يَكۡتُمُونَ ٱللَّهَ حَدِيثٗا
Saa Da no, wͻn a wͻ’poo nokorε no, na wͻ’tee Ɔsomafoͻ no so atua no bεpεsε anka yεnfa asaase nkata wͻn so korakora. (Saa Da no) wͻ’ntumi mfa asεm biara nnsuma Nyankopͻn.
Tafsir berbahasa Arab:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَقۡرَبُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَنتُمۡ سُكَٰرَىٰ حَتَّىٰ تَعۡلَمُواْ مَا تَقُولُونَ وَلَا جُنُبًا إِلَّا عَابِرِي سَبِيلٍ حَتَّىٰ تَغۡتَسِلُواْۚ وَإِن كُنتُم مَّرۡضَىٰٓ أَوۡ عَلَىٰ سَفَرٍ أَوۡ جَآءَ أَحَدٞ مِّنكُم مِّنَ ٱلۡغَآئِطِ أَوۡ لَٰمَسۡتُمُ ٱلنِّسَآءَ فَلَمۡ تَجِدُواْ مَآءٗ فَتَيَمَّمُواْ صَعِيدٗا طَيِّبٗا فَٱمۡسَحُواْ بِوُجُوهِكُمۡ وَأَيۡدِيكُمۡۗ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَفُوًّا غَفُورًا
Mo a moagye adie, monhwε na moammεn Nyamefrε ho wͻ berε a moaborͻ, kͻpem sε (moadwene mu bεda hͻ na) moahunu deɛ moreka; (saa ara nso na sε) ahosen fii (ka mo a montumi nkͻ Nyamedan mu) gyesε obi a ͻretwa mu (wͻ Nyamedan no mu kεkε), kosi sε mobedwareε, na mmom sε moyare anaasε mowͻ akwantuo mu, anaasε momu bi fri baabi so aba, anaa mode moho aka mmaa εna monnya nsuo a, monfa nεteε a εho teε mpepa moanim ne monsa. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefafri Hene, Ɔno na Ɔde bͻne kyε.
Tafsir berbahasa Arab:
أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ أُوتُواْ نَصِيبٗا مِّنَ ٱلۡكِتَٰبِ يَشۡتَرُونَ ٱلضَّلَٰلَةَ وَيُرِيدُونَ أَن تَضِلُّواْ ٱلسَّبِيلَ
Wonhunuu wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu kyεfa bie no? (Saa nkorͻfoͻ no) de nokorε kͻtͻ yera, na wͻ’pε sε moyera firi ͻkwan (tenenee) no soͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
 
Terjemahan makna Surah: An-Nisā`
Daftar surah Nomor Halaman
 
Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail - Daftar isi terjemahan

Terjemahannya oleh Syekh Harun Ismail.

Tutup