Check out the new design

Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail * - Daftar isi terjemahan

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Terjemahan makna Surah: Al-Baqarah   Ayah:
۞ مَا نَنسَخۡ مِنۡ ءَايَةٍ أَوۡ نُنسِهَا نَأۡتِ بِخَيۡرٖ مِّنۡهَآ أَوۡ مِثۡلِهَآۗ أَلَمۡ تَعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ
Nsεm no mu biara a Y’εbetwa mu anaasε awerεfire bεba ho no, Yε’de deε εyε kyεn εno anaasε deε εte saa pεpεεpε bεba. Anaasε wonnim sε Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi?
Tafsir berbahasa Arab:
أَلَمۡ تَعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ وَمَا لَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٍ
Anaasε wonnim sε ͻsoro ne asaase so ahennie nyinaa wͻ Nyankopͻn, na Nyankopɔn akyi no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ biara?
Tafsir berbahasa Arab:
أَمۡ تُرِيدُونَ أَن تَسۡـَٔلُواْ رَسُولَكُمۡ كَمَا سُئِلَ مُوسَىٰ مِن قَبۡلُۗ وَمَن يَتَبَدَّلِ ٱلۡكُفۡرَ بِٱلۡإِيمَٰنِ فَقَدۡ ضَلَّ سَوَآءَ ٱلسَّبِيلِ
Anaasε mopε sε mobisa mo Somafoͻ (Muhammad) sεdeε (Israelfoͻ no) dii kan bisaa Mose (sε yi Nyankopͻn adi pefee kyerε yεn) no? Obi a ɔde gyidie bεsesa boniayε no, nokorε sε w’ayera afiri ɔkwan tenenee no so.
Tafsir berbahasa Arab:
وَدَّ كَثِيرٞ مِّنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ لَوۡ يَرُدُّونَكُم مِّنۢ بَعۡدِ إِيمَٰنِكُمۡ كُفَّارًا حَسَدٗا مِّنۡ عِندِ أَنفُسِهِم مِّنۢ بَعۡدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُمُ ٱلۡحَقُّۖ فَٱعۡفُواْ وَٱصۡفَحُواْ حَتَّىٰ يَأۡتِيَ ٱللَّهُ بِأَمۡرِهِۦٓۗ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Nyamesom ho Nwomanimfoͻ no mu dodoͻ no ara pε sε anka εbetumi a mogyidie akyi no wͻ’bεsan mo aba (Kaafir) boniayε mu, εnam ahoͻyaa a εwͻ wͻn mu no nti, aberε nso a nokorε no ada adi pefee ama wͻn. Nanso fafiri (wͻn), na fa (wͻn) bͻne kyε (wͻn) kosi sε Nyankopͻn de N’ahyεdeε anaa N’atemmuo no bεba. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi.
Tafsir berbahasa Arab:
وَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُواْ ٱلزَّكَوٰةَۚ وَمَا تُقَدِّمُواْ لِأَنفُسِكُم مِّنۡ خَيۡرٖ تَجِدُوهُ عِندَ ٱللَّهِۗ إِنَّ ٱللَّهَ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ
Na monfrε Nyame wͻ neberε mu na monyi Zaka, na papa biara a mobεyε de ato moanim ama mo kraa no monsa bεka no wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn ani tua dwuma a modie (nyinaa).
Tafsir berbahasa Arab:
وَقَالُواْ لَن يَدۡخُلَ ٱلۡجَنَّةَ إِلَّا مَن كَانَ هُودًا أَوۡ نَصَٰرَىٰۗ تِلۡكَ أَمَانِيُّهُمۡۗ قُلۡ هَاتُواْ بُرۡهَٰنَكُمۡ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Deε wͻ’ka ne sε: ”Obiara nnkͻ Soro Aheman no mu gyesε obi a ͻyε Yudani anaasε Kristoni”. Woi nom ne wͻn apεdeε hunu no. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε moyε nokwafoͻ ampa a, εneε monfa mo nyinasoͻ (a mode ka saa asԑm no ) mmra”.
Tafsir berbahasa Arab:
بَلَىٰۚ مَنۡ أَسۡلَمَ وَجۡهَهُۥ لِلَّهِ وَهُوَ مُحۡسِنٞ فَلَهُۥٓ أَجۡرُهُۥ عِندَ رَبِّهِۦ وَلَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ
Daabi (εnte saa), obiara a ͻbεbrε neho nyinaa ase ama Nyankopͻn, na ͻyε ayεmyε (dema ne nua) no, ͻwͻ akatua wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ, na ehuu bͻ biara mma wͻn so, na wͻn werε nso nnho (wͻ Atemmuda).
Tafsir berbahasa Arab:
 
Terjemahan makna Surah: Al-Baqarah
Daftar surah Nomor Halaman
 
Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail - Daftar isi terjemahan

Terjemahannya oleh Syekh Harun Ismail.

Tutup