Check out the new design

કુરઆન મજીદના શબ્દોનું ભાષાંતર - અકાન ભાષામાં અનુવાદ - અશાંતિ - હારુન ઇસ્માઈલ * - ભાષાંતરોની અનુક્રમણિકા

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

શબ્દોનું ભાષાંતર સૂરહ: અલ્ હદીદ   આયત:
يَوۡمَ تَرَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ يَسۡعَىٰ نُورُهُم بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَبِأَيۡمَٰنِهِمۖ بُشۡرَىٰكُمُ ٱلۡيَوۡمَ جَنَّٰتٞ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
Ɛda no na wobɛhunu agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no sε wͻnhyerεnee ahyerεn di wͻn anim ne wͻn nifa so. (Yεbεka akyerε wͻn sε): “Mowͻ anigyesεm nnε! Aheman a nsubͻnten nenam aseε no, emu na (mo) bεtena. Ԑno ne nkonimdie kεseε no.
અરબી તફસીરો:
يَوۡمَ يَقُولُ ٱلۡمُنَٰفِقُونَ وَٱلۡمُنَٰفِقَٰتُ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱنظُرُونَا نَقۡتَبِسۡ مِن نُّورِكُمۡ قِيلَ ٱرۡجِعُواْ وَرَآءَكُمۡ فَٱلۡتَمِسُواْ نُورٗاۖ فَضُرِبَ بَيۡنَهُم بِسُورٖ لَّهُۥ بَابُۢ بَاطِنُهُۥ فِيهِ ٱلرَّحۡمَةُ وَظَٰهِرُهُۥ مِن قِبَلِهِ ٱلۡعَذَابُ
Ɛda no na nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa no bεka akyerε wͻn a wͻagye adie no sε: “Montwεn yεn na yεnfa mo nhyerεnee no (nante bi)”. Yεbεka akyerε wͻn sε: “Monsan nkͻ mo akyi (wͻ wiase) nkͻpε nhyerεnee”. Na fasuo bi a εpono wͻ mu bεba abɛtware wͻntεm. Na emu no ahummͻborͻ na εwͻ hͻ, na akyire no nso yε asotwee.
અરબી તફસીરો:
يُنَادُونَهُمۡ أَلَمۡ نَكُن مَّعَكُمۡۖ قَالُواْ بَلَىٰ وَلَٰكِنَّكُمۡ فَتَنتُمۡ أَنفُسَكُمۡ وَتَرَبَّصۡتُمۡ وَٱرۡتَبۡتُمۡ وَغَرَّتۡكُمُ ٱلۡأَمَانِيُّ حَتَّىٰ جَآءَ أَمۡرُ ٱللَّهِ وَغَرَّكُم بِٱللَّهِ ٱلۡغَرُورُ
(Nkͻnkͻnsafoͻ no) bεfrε (agyidiefoͻ no) sε: “Na yεnka mo ho (wͻ wiase)?“ (Agyidiefoͻ no) bεka sε: “Aane, nanso modaadaa mo ho, εna motwεnee (sε ebia agyidiefoͻ no bɛdi nkoguo), na mo adwen ansi mo pi, na apεdeε hunu daadaa mo kͻpem sε Nyankopͻn ahyεdeε no baeε, na (ͻbonsam) daadaafoͻ no daadaa mo wͻ Nyankopͻn ho “.
અરબી તફસીરો:
فَٱلۡيَوۡمَ لَا يُؤۡخَذُ مِنكُمۡ فِدۡيَةٞ وَلَا مِنَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۚ مَأۡوَىٰكُمُ ٱلنَّارُۖ هِيَ مَوۡلَىٰكُمۡۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Enti εnnε da yi, yεnnye mpata biara mfiri mo hͻ, anaasε wͻn a wͻannye annie no hͻ. Mo fie ne egya no mu, εno ne mokyitaafoͻ, na εhͻ yε nkyi bͻne paa.
અરબી તફસીરો:
۞ أَلَمۡ يَأۡنِ لِلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَن تَخۡشَعَ قُلُوبُهُمۡ لِذِكۡرِ ٱللَّهِ وَمَا نَزَلَ مِنَ ٱلۡحَقِّ وَلَا يَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ مِن قَبۡلُ فَطَالَ عَلَيۡهِمُ ٱلۡأَمَدُ فَقَسَتۡ قُلُوبُهُمۡۖ وَكَثِيرٞ مِّنۡهُمۡ فَٰسِقُونَ
Enti εberε no nnso maa agyidiefoͻ no sε wͻbεbrε wͻn akoma ase ama Nyankopͻn nkaekaeε ne deε yɛasiane a εyε nokorε no, na wͻn ankͻyε sε wͻn a yɛdii kan maa wͻn Nyamesom Nwoma no? Ɛberε yεε tenten maa wͻn, enti wͻn akoma yεε den. Na na wͻn mu dodoͻ no ara yε nsԑmɔnefoͻ.
અરબી તફસીરો:
ٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ يُحۡيِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَاۚ قَدۡ بَيَّنَّا لَكُمُ ٱلۡأٓيَٰتِ لَعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ
Monhunu sε, Nyankopͻn nyane asaase wͻ ne wuo akyi. Ampa sε Yɛakyerεkyerε nsεm no mu pefee sεdeε mobεte aseε.
અરબી તફસીરો:
إِنَّ ٱلۡمُصَّدِّقِينَ وَٱلۡمُصَّدِّقَٰتِ وَأَقۡرَضُواْ ٱللَّهَ قَرۡضًا حَسَنٗا يُضَٰعَفُ لَهُمۡ وَلَهُمۡ أَجۡرٞ كَرِيمٞ
Nokorε sε mmarima a wͻyε adͻeε ne mmaa a wɔyε adͻeε na wͻbͻ Nyankopͻn bosea pa no, yεde bεbͻ ho ama wͻn, na wͻn wͻ animuonyam akatua (da hͻ Daakye).
અરબી તફસીરો:
 
શબ્દોનું ભાષાંતર સૂરહ: અલ્ હદીદ
સૂરહ માટે અનુક્રમણિકા પેજ નંબર
 
કુરઆન મજીદના શબ્દોનું ભાષાંતર - અકાન ભાષામાં અનુવાદ - અશાંતિ - હારુન ઇસ્માઈલ - ભાષાંતરોની અનુક્રમણિકા

તેનું અનુવાદ શૈખ હારુન ઇસ્માઈલ સાહેબ દ્વારા કરવામાં આવ્યું.

બંધ કરો