Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-አዕራፍ   አንቀጽ:
فَإِذَا جَآءَتۡهُمُ ٱلۡحَسَنَةُ قَالُواْ لَنَا هَٰذِهِۦۖ وَإِن تُصِبۡهُمۡ سَيِّئَةٞ يَطَّيَّرُواْ بِمُوسَىٰ وَمَن مَّعَهُۥٓۗ أَلَآ إِنَّمَا طَٰٓئِرُهُمۡ عِندَ ٱللَّهِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Nanso sε papa bi ba wͻn so a, deɛ wͻka ne sɛ: “Wei deε yε dea,” na sε bͻne bi nso to wͻn a wͻde tibͻne no (ho soboɔ) bɔ Mose ne wͻn a wͻka ne ho no. Nokorε sε, wͻn tibͻne no firi Nyankopͻn hͻ, nanso wͻn mu pii nnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالُواْ مَهۡمَا تَأۡتِنَا بِهِۦ مِنۡ ءَايَةٖ لِّتَسۡحَرَنَا بِهَا فَمَا نَحۡنُ لَكَ بِمُؤۡمِنِينَ
Wͻkaa sε: “Nsεnkyerεnee biara a wode bεba yεn hͻ de abɛbiri yɛn ani soͻ no yεnnye wo nni”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَأَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمُ ٱلطُّوفَانَ وَٱلۡجَرَادَ وَٱلۡقُمَّلَ وَٱلضَّفَادِعَ وَٱلدَّمَ ءَايَٰتٖ مُّفَصَّلَٰتٖ فَٱسۡتَكۡبَرُواْ وَكَانُواْ قَوۡمٗا مُّجۡرِمِينَ
Enti Yεde owudͻm, anaa nsutᴐ a ano yԑ den, ne mmεbε ne edwie ne mponkyerεne ne mogya baa wͻn so ; (wei nom yε) nsεnkyerεnee pefee. Nanso wͻyεε ahomasoͻ; na wͻyε nnipa nnebͻneεfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَمَّا وَقَعَ عَلَيۡهِمُ ٱلرِّجۡزُ قَالُواْ يَٰمُوسَى ٱدۡعُ لَنَا رَبَّكَ بِمَا عَهِدَ عِندَكَۖ لَئِن كَشَفۡتَ عَنَّا ٱلرِّجۡزَ لَنُؤۡمِنَنَّ لَكَ وَلَنُرۡسِلَنَّ مَعَكَ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ
Ɛberε a ͻhaw no bεtͻͻ wͻn soͻ no wͻkaa sε: “Mose, frε wo Wura no ma yεn sεdeε Ɔne wo ayε apam no. Sε Ɔyi ͻhaw no firi yεn so a nokorε sε, yεbεgye wo adi na yɛama Israel mma no ne wo akͻ “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّا كَشَفۡنَا عَنۡهُمُ ٱلرِّجۡزَ إِلَىٰٓ أَجَلٍ هُم بَٰلِغُوهُ إِذَا هُمۡ يَنكُثُونَ
Nanso εberε (biara) a Yεbɛyi ͻhaw no afiri wͻn so akosi εberε a εsεsε wͻdi (wͻn bͻhyε no) soͻ no pε, na wͻn abu (bɔhyɛ no) so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٱنتَقَمۡنَا مِنۡهُمۡ فَأَغۡرَقۡنَٰهُمۡ فِي ٱلۡيَمِّ بِأَنَّهُمۡ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَكَانُواْ عَنۡهَا غَٰفِلِينَ
Enti Yɛtuaa wͻn so ka, maa nsuo faa wͻn wͻ ɛpo no mu, efirisε wͻbuu Yεn nsεnkyerεnee no nkontonposεm, na wͻbuu wͻn ani nso guu so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَوۡرَثۡنَا ٱلۡقَوۡمَ ٱلَّذِينَ كَانُواْ يُسۡتَضۡعَفُونَ مَشَٰرِقَ ٱلۡأَرۡضِ وَمَغَٰرِبَهَا ٱلَّتِي بَٰرَكۡنَا فِيهَاۖ وَتَمَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ ٱلۡحُسۡنَىٰ عَلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ بِمَا صَبَرُواْۖ وَدَمَّرۡنَا مَا كَانَ يَصۡنَعُ فِرۡعَوۡنُ وَقَوۡمُهُۥ وَمَا كَانُواْ يَعۡرِشُونَ
Yεde nnipa a wͻfaa wͻn sε wͻyε mmerε (anaa wͻnni ahoͻden) no dii adeε wͻ asaase a Yɛahyira soͻ no apueε ne n’atͻeε. Saa na wo Wura Nyankopͻn bᴐhyԑ anaa asԑmpa no hyεε ma wͻ Israel mma no so, εnam wͻn aboterε nti. Yεsεee deε Farao ne ne nkorͻfoͻ no yͻeε no ne deε wͻsisiieε no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-አዕራፍ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት