Check out the new design

የተከበረው ቁርአን መልዕክተ ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማውጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የመልዕክት ትርጉም ሱራ (ምዕራፍ): አል ሓቃህ   አንቀፅ:
وَجَآءَ فِرۡعَوۡنُ وَمَن قَبۡلَهُۥ وَٱلۡمُؤۡتَفِكَٰتُ بِٱلۡخَاطِئَةِ
Ɛna Farao ne wͻn a wͻdii n’anim kan no, ne nkuro bi a yεdanee wͻn butuuε no nso de bͻne baae,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
فَعَصَوۡاْ رَسُولَ رَبِّهِمۡ فَأَخَذَهُمۡ أَخۡذَةٗ رَّابِيَةً
Wͻyεε wͻn Wura Nyankopͻn Asomafoͻ no asεm ho asoͻden, enti Ͻde asotwee a emu yε den twee wͻn aso.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
إِنَّا لَمَّا طَغَا ٱلۡمَآءُ حَمَلۡنَٰكُمۡ فِي ٱلۡجَارِيَةِ
Nokorε sε, εberε a nsuo no yiriiε (wͻ Noa pεn soͻ) no, Yεde motenaa nsuo mu hyεn mu,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
لِنَجۡعَلَهَا لَكُمۡ تَذۡكِرَةٗ وَتَعِيَهَآ أُذُنٞ وَٰعِيَةٞ
Sεdeε Yεde bεyε afutusεm ama mo, na obi a ͻwͻ aso de bεto ne tri mu.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
فَإِذَا نُفِخَ فِي ٱلصُّورِ نَفۡخَةٞ وَٰحِدَةٞ
Sε yεbͻ Totorobεnto no mu bͻ prεko a,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَحُمِلَتِ ٱلۡأَرۡضُ وَٱلۡجِبَالُ فَدُكَّتَا دَكَّةٗ وَٰحِدَةٗ
Na yεpagya asaase ne mmepͻ, na εyam yam prεko a,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
فَيَوۡمَئِذٖ وَقَعَتِ ٱلۡوَاقِعَةُ
Saa Da no na εberε no aso.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَٱنشَقَّتِ ٱلسَّمَآءُ فَهِيَ يَوۡمَئِذٖ وَاهِيَةٞ
Ɔsoro mu bɛsunsuan wͻ saa Da no ama no ayε mmrε, (n’ahoͻden no bεsa).
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَٱلۡمَلَكُ عَلَىٰٓ أَرۡجَآئِهَاۚ وَيَحۡمِلُ عَرۡشَ رَبِّكَ فَوۡقَهُمۡ يَوۡمَئِذٖ ثَمَٰنِيَةٞ
Na Soro abͻfoͻ bɛgyina-gyina ne ntweaso, na (Soro abͻfoͻ) nwͻtwe na wͻbεsoa wo Wura Nyankopͻn Ahennwa no wͻ wͻn apampamu saa da no.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
يَوۡمَئِذٖ تُعۡرَضُونَ لَا تَخۡفَىٰ مِنكُمۡ خَافِيَةٞ
Saa Da no, yεde mobεba (mo Wura Nyankopͻn anim), na momu biara asumasεm nsuma.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
فَأَمَّا مَنۡ أُوتِيَ كِتَٰبَهُۥ بِيَمِينِهِۦ فَيَقُولُ هَآؤُمُ ٱقۡرَءُواْ كِتَٰبِيَهۡ
Enti obi a, yεde (ne dwumadie ho) Nwoma bεma no wͻ ne nsa nifa mu no, (ͻde anigyeε) bεka sε: “Momra mεgye me Nwoma no nkenkan bi.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
إِنِّي ظَنَنتُ أَنِّي مُلَٰقٍ حِسَابِيَهۡ
Na menim yie sε, mehyia m’akontabuo.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
فَهُوَ فِي عِيشَةٖ رَّاضِيَةٖ
Enti ɔbɛnya ahotͻ asetena--
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
فِي جَنَّةٍ عَالِيَةٖ
Wͻ Aheman a εkorͻn no mu.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
قُطُوفُهَا دَانِيَةٞ
Emu nnuaba no bεn (wͻn).
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
كُلُواْ وَٱشۡرَبُواْ هَنِيٓـَٔۢا بِمَآ أَسۡلَفۡتُمۡ فِي ٱلۡأَيَّامِ ٱلۡخَالِيَةِ
(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Monfa anigyeε nnidi na monom, εnam deε moyε de too moanim wͻ nna a atwa mu no mu no nti,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَأَمَّا مَنۡ أُوتِيَ كِتَٰبَهُۥ بِشِمَالِهِۦ فَيَقُولُ يَٰلَيۡتَنِي لَمۡ أُوتَ كِتَٰبِيَهۡ
Na mmom obi a yεde ne Nwoma bεma no wͻ ne nsa benkum mu no, ͻbεka sε: Ɛkaa menko a, anka yɛanfa me Nwoma no amma me koraa.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَلَمۡ أَدۡرِ مَا حِسَابِيَهۡ
Mennim sεdeε m’akontabuo bɛsi ayε.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
يَٰلَيۡتَهَا كَانَتِ ٱلۡقَاضِيَةَ
Kaa menko na anka (mawu) ama asεm asa.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
مَآ أَغۡنَىٰ عَنِّي مَالِيَهۡۜ
M'ahonyadeε ho amma me mfasoͻ.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
هَلَكَ عَنِّي سُلۡطَٰنِيَهۡ
Me tumii afri me nsa.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
خُذُوهُ فَغُلُّوهُ
(Yεbεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): ”Monsͻ ne mu, na mongu no mpokyerε.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
ثُمَّ ٱلۡجَحِيمَ صَلُّوهُ
Afei monfa no nwura Amanehunu gya no mu,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
ثُمَّ فِي سِلۡسِلَةٖ ذَرۡعُهَا سَبۡعُونَ ذِرَاعٗا فَٱسۡلُكُوهُ
Afei monfa nkͻnsͻnkͻnsͻn a ne tenten yε basamu aduͻson no nkyekyere no.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
إِنَّهُۥ كَانَ لَا يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ ٱلۡعَظِيمِ
Nokorε sε, na ͻnnye Nyankopͻn Kεseε no nni.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَلَا يَحُضُّ عَلَىٰ طَعَامِ ٱلۡمِسۡكِينِ
Na ͻnhyε ma wͻnnidi mma ahiafoͻ no bi.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
فَلَيۡسَ لَهُ ٱلۡيَوۡمَ هَٰهُنَا حَمِيمٞ
Enti Ɛnnε deε onni ͻdͻfo biara wͻ ha,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
 
የመልዕክት ትርጉም ሱራ (ምዕራፍ): አል ሓቃህ
የሱራዎች ማውጫ ገፅ ቁጥር
 
የተከበረው ቁርአን መልዕክተ ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማውጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

ለመዝጋት