Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-አንዓም   አንቀጽ:
وَهُوَ ٱلَّذِي يَتَوَفَّىٰكُم بِٱلَّيۡلِ وَيَعۡلَمُ مَا جَرَحۡتُم بِٱلنَّهَارِ ثُمَّ يَبۡعَثُكُمۡ فِيهِ لِيُقۡضَىٰٓ أَجَلٞ مُّسَمّٗىۖ ثُمَّ إِلَيۡهِ مَرۡجِعُكُمۡ ثُمَّ يُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Ɔno na Ɔma mo wu anadwo (wͻ εberε a moadeda) na Onim deε moyε no adekyeε no mu; afei na W’anyane mo afri (monna no mu ama moasan aba nkwa mu) akosi εberε a yahyehyε ato hͻ (ama mo sε mode bewuo). Afei Nehͻ ne monnkyi. Na afei W’abͻ mo dwuma a na modie no ho amaneε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَهُوَ ٱلۡقَاهِرُ فَوۡقَ عِبَادِهِۦۖ وَيُرۡسِلُ عَلَيۡكُمۡ حَفَظَةً حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَ أَحَدَكُمُ ٱلۡمَوۡتُ تَوَفَّتۡهُ رُسُلُنَا وَهُمۡ لَا يُفَرِّطُونَ
Ɔne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, Ɔsoma (Soro abͻfoͻ) awεnfoͻ (ma wͻ’wεn mo san twerε dwuma a modie biara) dekosi sε, owuo bεba momu bi so, na Y’asomafoͻ (Soro abͻfoͻ) ama wᴐn ayi nenkwa. Wͻ’mmu wͻn ani nngu wͻn adwuma so-,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ثُمَّ رُدُّوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ مَوۡلَىٰهُمُ ٱلۡحَقِّۚ أَلَا لَهُ ٱلۡحُكۡمُ وَهُوَ أَسۡرَعُ ٱلۡحَٰسِبِينَ
Afei na wͻn asan kͻ Nyankopͻn a Ɔne wͻn nokorε Kyitaafoͻ no hͻ. Nokorε sε, Ɔno na atemmuo yε Ne dea, na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ مَن يُنَجِّيكُم مِّن ظُلُمَٰتِ ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِ تَدۡعُونَهُۥ تَضَرُّعٗا وَخُفۡيَةٗ لَّئِنۡ أَنجَىٰنَا مِنۡ هَٰذِهِۦ لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلشَّٰكِرِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Hwan na ͻgye mo fri asaase ne ͻpo so sum mu (ͻhaw ne mmusuo mu), εberε a mode ahobraseε sufrε no wͻ kokoa mu sε: ‘’Sε wogye yεn fri woi mu a yε’beyi (Wo) ayε?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلِ ٱللَّهُ يُنَجِّيكُم مِّنۡهَا وَمِن كُلِّ كَرۡبٖ ثُمَّ أَنتُمۡ تُشۡرِكُونَ
Ka sε: “Nyankopͻn na Oyi mo fri (saa mmusuo no) ne mmusuo biara mu, nanso mode biribi bata Neho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ هُوَ ٱلۡقَادِرُ عَلَىٰٓ أَن يَبۡعَثَ عَلَيۡكُمۡ عَذَابٗا مِّن فَوۡقِكُمۡ أَوۡ مِن تَحۡتِ أَرۡجُلِكُمۡ أَوۡ يَلۡبِسَكُمۡ شِيَعٗا وَيُذِيقَ بَعۡضَكُم بَأۡسَ بَعۡضٍۗ ٱنظُرۡ كَيۡفَ نُصَرِّفُ ٱلۡأٓيَٰتِ لَعَلَّهُمۡ يَفۡقَهُونَ
Ka sε: “Ɔwͻ tumi sε Ɔsoma asotwee fri moapampamu anaasԑ monan ase brε mo, anaa Ɔbεma ntotoo aba montεm na W’ama moaka moho-moho ͻkoo ahwε. Hwε sεdeε Y’esi kyerεkyerε nsεm no mu sεdeε anka wͻ’bεte aseε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَكَذَّبَ بِهِۦ قَوۡمُكَ وَهُوَ ٱلۡحَقُّۚ قُل لَّسۡتُ عَلَيۡكُم بِوَكِيلٖ
Nanso (Nkͻmhyεni), wo nkorͻfoͻ no faa no atorɔsɛm, aberε nso a εno ne Nokorε no. Ka sε: “Mennyε okyitaani (anaaa ͻwεmfoͻ) wͻ mo so”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لِّكُلِّ نَبَإٖ مُّسۡتَقَرّٞۚ وَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ
Asεm biara wͻ neberε, na sεdeε εteε biara no mobehunu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذَا رَأَيۡتَ ٱلَّذِينَ يَخُوضُونَ فِيٓ ءَايَٰتِنَا فَأَعۡرِضۡ عَنۡهُمۡ حَتَّىٰ يَخُوضُواْ فِي حَدِيثٍ غَيۡرِهِۦۚ وَإِمَّا يُنسِيَنَّكَ ٱلشَّيۡطَٰنُ فَلَا تَقۡعُدۡ بَعۡدَ ٱلذِّكۡرَىٰ مَعَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلظَّٰلِمِينَ
Sε wohunu wͻn a wͻ’keka nsεm hunu fa Yεn Nsεm no ho no a, twe wo ho fri wͻn ho kosi sε wͻ’bεfa asεm foforͻ. Sε bonsam ma wo werε fi na akyire yi wokae a, hwε na wone abͻneεfoͻ no ammom antenna ase.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-አንዓም
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት