Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ኒሳዕ   አንቀጽ:
وَٱللَّهُ يُرِيدُ أَن يَتُوبَ عَلَيۡكُمۡ وَيُرِيدُ ٱلَّذِينَ يَتَّبِعُونَ ٱلشَّهَوَٰتِ أَن تَمِيلُواْ مَيۡلًا عَظِيمٗا
Nyankopͻn pεsε Ɔgye moadwen sakra, nanso wͻn a wͻ’di akͻnnͻ akyire no hwehwε sε anka mobεmane (afri kwan tenenee no so) akͻ akyirikyiri paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يُرِيدُ ٱللَّهُ أَن يُخَفِّفَ عَنكُمۡۚ وَخُلِقَ ٱلۡإِنسَٰنُ ضَعِيفٗا
Nyankopͻn pε sε Ɔgo (mmra) no mu ma mo, efirisε onipa mmͻeε anaa onipa suban mu no ͻyε abͻdeε a ͻyε mmrε (onni ahoͻden).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَأۡكُلُوٓاْ أَمۡوَٰلَكُم بَيۡنَكُم بِٱلۡبَٰطِلِ إِلَّآ أَن تَكُونَ تِجَٰرَةً عَن تَرَاضٖ مِّنكُمۡۚ وَلَا تَقۡتُلُوٓاْ أَنفُسَكُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِكُمۡ رَحِيمٗا
Mo a moagye adie, monhwε na moanfa nkontompo kwan so anni montεm sika, na mmom εnyε sε adwadie a moate moho aseε; na monhwε na moankunkum moho. Nokorε sε Nyankopͻn hu mo mmͻbͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَن يَفۡعَلۡ ذَٰلِكَ عُدۡوَٰنٗا وَظُلۡمٗا فَسَوۡفَ نُصۡلِيهِ نَارٗاۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرًا
Na obi a ͻnam ͻtan ne asisie so bεyε saa no, Yε’de no bεkͻ Amanehunu gyem . Na εno deε εyε adeε a εyε mmerε koraa ma Nyankopͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِن تَجۡتَنِبُواْ كَبَآئِرَ مَا تُنۡهَوۡنَ عَنۡهُ نُكَفِّرۡ عَنكُمۡ سَيِّـَٔاتِكُمۡ وَنُدۡخِلۡكُم مُّدۡخَلٗا كَرِيمٗا
Sε motwe mo ho firi bͻne akεseε a y’abra mo no ho a, Y’εbεpepa mo bͻne afri mo so, na Yε’de mo akͻwura Animuonyam bea no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَتَمَنَّوۡاْ مَا فَضَّلَ ٱللَّهُ بِهِۦ بَعۡضَكُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖۚ لِّلرِّجَالِ نَصِيبٞ مِّمَّا ٱكۡتَسَبُواْۖ وَلِلنِّسَآءِ نَصِيبٞ مِّمَّا ٱكۡتَسَبۡنَۚ وَسۡـَٔلُواْ ٱللَّهَ مِن فَضۡلِهِۦٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٗا
Na monhwε na moanyε aniberebereε wͻ deε Nyankopͻn de ama ebinom akyεn ebinom no ho. Mmarima wͻ dwuma a wͻ’die ho akatua, εna mmaa nso wͻ dwuma a wͻ’die ho akatua. Enti momisa adom mfiri Nyankopͻn (adom) no mu. Na Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلِكُلّٖ جَعَلۡنَا مَوَٰلِيَ مِمَّا تَرَكَ ٱلۡوَٰلِدَانِ وَٱلۡأَقۡرَبُونَۚ وَٱلَّذِينَ عَقَدَتۡ أَيۡمَٰنُكُمۡ فَـَٔاتُوهُمۡ نَصِيبَهُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدًا
Y’ahyehyε (obi a odi adeε) ama obiara fa agyapadeε a awofoͻ ne abusuafoͻ bi (bewu) agya ho. Wͻn a mode monsa nifa ahyε (nkrataa) ase ne wͻn ahyε bͻ wͻ adedie ho no nso, monfa wͻn kyεfa ma wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Dansefoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ኒሳዕ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት