Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን ነምል   አንቀጽ:
وَإِنَّهُۥ لَهُدٗى وَرَحۡمَةٞ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε nso sε, (Qur’aan) yε kwan kyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ de ma agyidiefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ رَبَّكَ يَقۡضِي بَيۡنَهُم بِحُكۡمِهِۦۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡعَلِيمُ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn de N’atemmuo no bebu wͻn ntεm atεn. Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onimdefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۖ إِنَّكَ عَلَى ٱلۡحَقِّ ٱلۡمُبِينِ
Enti fa wo ho to Nyankopͻn so; nokorε sε, wogyina nokorε pefee no so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّكَ لَا تُسۡمِعُ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَلَا تُسۡمِعُ ٱلصُّمَّ ٱلدُّعَآءَ إِذَا وَلَّوۡاْ مُدۡبِرِينَ
Nokorε sε, wontumi mma owufoͻ nte asεm, na wontumi nso mma ͻsosifoͻ nnte frε wͻ εberε a wadane ne ho redwane kͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَآ أَنتَ بِهَٰدِي ٱلۡعُمۡيِ عَن ضَلَٰلَتِهِمۡۖ إِن تُسۡمِعُ إِلَّا مَن يُؤۡمِنُ بِـَٔايَٰتِنَا فَهُم مُّسۡلِمُونَ
Wontumi nso nkyerε anifirafoͻ kwan mfri wͻn yeraa mu. Nea wobetumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn Nsεm no die, na wͻyε Muslimifoͻ, (brε wͻn ho ase de ma Nyame).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَإِذَا وَقَعَ ٱلۡقَوۡلُ عَلَيۡهِمۡ أَخۡرَجۡنَا لَهُمۡ دَآبَّةٗ مِّنَ ٱلۡأَرۡضِ تُكَلِّمُهُمۡ أَنَّ ٱلنَّاسَ كَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا لَا يُوقِنُونَ
Sε asεm no berε no so tia wͻn a, Yεbɛyi Aboa afri asaase mu ama ͻne wͻn abεkasa, efrisε adasamma nnye Yεn Nsεm no nni.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيَوۡمَ نَحۡشُرُ مِن كُلِّ أُمَّةٖ فَوۡجٗا مِّمَّن يُكَذِّبُ بِـَٔايَٰتِنَا فَهُمۡ يُوزَعُونَ
Ɛda a Yεbεboa ͻman biara mu fekuo no a wͻannye Yεn Nsεm no annie no ano no, yεbεhyehyε wͻn akuo akuo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءُو قَالَ أَكَذَّبۡتُم بِـَٔايَٰتِي وَلَمۡ تُحِيطُواْ بِهَا عِلۡمًا أَمَّاذَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Kͻpem sε, wͻbεba (aseni bea hͻ); Nyankopͻn bεka sε: ”Enti moanye Me nsεm no anni wͻ aberε a monni ho nimdeε? Enti dwuma bεn na modii no (wͻ wiase)?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَوَقَعَ ٱلۡقَوۡلُ عَلَيۡهِم بِمَا ظَلَمُواْ فَهُمۡ لَا يَنطِقُونَ
Asεm no bεtͻ wͻn so, εnam wͻn bͻne a wͻdiiε ho nti, enti wͻnkasa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا جَعَلۡنَا ٱلَّيۡلَ لِيَسۡكُنُواْ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبۡصِرًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Enti wͻnhunuu sε Yɛayε anadwo ama wͻn a wͻde gye wͻn ahome, εna adekyeε nso wͻde hunu adeε (de hwehwε akͻnhoma)? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma amanfoͻ a wͻgye die.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيَوۡمَ يُنفَخُ فِي ٱلصُّورِ فَفَزِعَ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ إِلَّا مَن شَآءَ ٱللَّهُۚ وَكُلٌّ أَتَوۡهُ دَٰخِرِينَ
Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu no, ehuu kεseε paa bεbͻ wͻn a wͻn wͻ soro ne asaase so nyinaa, gyesε obia Nyankopͻn pε. Na obiara bεba Ne hͻ wͻ ahobraseε mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَتَرَى ٱلۡجِبَالَ تَحۡسَبُهَا جَامِدَةٗ وَهِيَ تَمُرُّ مَرَّ ٱلسَّحَابِۚ صُنۡعَ ٱللَّهِ ٱلَّذِيٓ أَتۡقَنَ كُلَّ شَيۡءٍۚ إِنَّهُۥ خَبِيرُۢ بِمَا تَفۡعَلُونَ
Na mmepͻ no a wohunu na w’adwen yε wo sε esisi hͻ pintinn a εnkeka ne ho no, εbetwa mu sεdeε mununkum si twa mu no. Saa ara na Nyankopͻn a Wabͻ biribiara yie no nsa ano adwuma teε. Nokorε sε Ɔne dwuma a modie no {nyinaa} ho Amane bͻfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን ነምል
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት