Check out the new design

የተከበረው ቁርአን መልዕክተ ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማውጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የመልዕክት ትርጉም ሱራ (ምዕራፍ): መርየም   አንቀፅ:
أَفَرَءَيۡتَ ٱلَّذِي كَفَرَ بِـَٔايَٰتِنَا وَقَالَ لَأُوتَيَنَّ مَالٗا وَوَلَدًا
Wahunu obi a ͻnnye Yεn Nsεm no nnie, na ͻkasε: “Yε’bεma me sika ne mma (wͻ mewuo akyi no)?”
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
أَطَّلَعَ ٱلۡغَيۡبَ أَمِ ٱتَّخَذَ عِندَ ٱلرَّحۡمَٰنِ عَهۡدٗا
(Saa nnipa no) anya ahuntasԑm no ho nimdeε bi, anaasε wanya Ahummͻborͻ Hene no hͻ bͻhyε bi?
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
كَلَّاۚ سَنَكۡتُبُ مَا يَقُولُ وَنَمُدُّ لَهُۥ مِنَ ٱلۡعَذَابِ مَدّٗا
Daabi, Yεbεtwerε deε ͻka no (nyinaa), na Yatwe asotwee no mu tenteenten ama no.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَنَرِثُهُۥ مَا يَقُولُ وَيَأۡتِينَا فَرۡدٗا
Na (newuo akyiri no) Yεbedi n’adeε a ͻreka ho asεm no, na ͻno nko ara aba Yεn hͻ.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ ءَالِهَةٗ لِّيَكُونُواْ لَهُمۡ عِزّٗا
Wͻn afri Nyankopͻn akyi afa anyame foforͻ sεdeε wͻbεma wͻn tumi.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
كَلَّاۚ سَيَكۡفُرُونَ بِعِبَادَتِهِمۡ وَيَكُونُونَ عَلَيۡهِمۡ ضِدًّا
Daabi, (saa Da no wͻn anyame no) bεpo ͻsom a na wͻsom wͻn no, na wͻbεyε atamfo atia wͻn.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّآ أَرۡسَلۡنَا ٱلشَّيَٰطِينَ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ تَؤُزُّهُمۡ أَزّٗا
Wonhunu sε Yεsoma abonsamfoͻ no ba boniayεfoͻ no so bεtoto gu wͻn asom bͻ wͻn ansͻn (ma wͻdi bͻne)?
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
فَلَا تَعۡجَلۡ عَلَيۡهِمۡۖ إِنَّمَا نَعُدُّ لَهُمۡ عَدّٗا
Enti εmpre woho wͻ wͻn ho; efrisε Yabu (nna no) bu paa ama wͻn.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
يَوۡمَ نَحۡشُرُ ٱلۡمُتَّقِينَ إِلَى ٱلرَّحۡمَٰنِ وَفۡدٗا
Ɛda a Yεbεboa Nyamesurofoͻ no ano akͻ Ahummͻborͻ Hene no hͻ, tesε nnipa kuo bi a wͻrekͻgye animuonyam (anaa abasobͻdeε no),
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَنَسُوقُ ٱلۡمُجۡرِمِينَ إِلَىٰ جَهَنَّمَ وِرۡدٗا
Yεbεka abͻneεfoͻ no nso akͻ Amane-hunu gyem tesε nyεmmoa bi a sukͻm de wͻn na yεreka wͻn akͻ nsuo mu no,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
لَّا يَمۡلِكُونَ ٱلشَّفَٰعَةَ إِلَّا مَنِ ٱتَّخَذَ عِندَ ٱلرَّحۡمَٰنِ عَهۡدٗا
(Saa Da no) obiara nni ntwitwagyeε ho tumi, gyesε obi a ͻne Ahummͻborͻ Hene no ayε apam (anaasε ͻne no ahyε bͻ).
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَقَالُواْ ٱتَّخَذَ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَلَدٗا
Wͻkeka sε: ”Ahummͻborͻ Hene no wᴐ ba “.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
لَّقَدۡ جِئۡتُمۡ شَيۡـًٔا إِدّٗا
Nokorε sε mode abususεm aba.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
تَكَادُ ٱلسَّمَٰوَٰتُ يَتَفَطَّرۡنَ مِنۡهُ وَتَنشَقُّ ٱلۡأَرۡضُ وَتَخِرُّ ٱلۡجِبَالُ هَدًّا
Ɔsoro reyε asunsuan wᴐ ho na asaase nso reyε apaepae ama mmepͻ nso abubu gͻsͻgͻsͻ,
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
أَن دَعَوۡاْ لِلرَّحۡمَٰنِ وَلَدٗا
Sε yabͻ ͻba din (anaasε wͻde awoͻ) asusu Ahummͻborͻ Hene no.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَمَا يَنۢبَغِي لِلرَّحۡمَٰنِ أَن يَتَّخِذَ وَلَدًا
Ԑmfata mma Ahummͻborͻ Hene no sε ͻwᴐ ba.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
إِن كُلُّ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ إِلَّآ ءَاتِي ٱلرَّحۡمَٰنِ عَبۡدٗا
Deε εwͻ soro ne asaase so no mu biara ba Ahummͻborͻ Hene no hͻ wͻ akoa din mu.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
لَّقَدۡ أَحۡصَىٰهُمۡ وَعَدَّهُمۡ عَدّٗا
Nokorε sε, Nyankopͻn Nim wͻn dodoͻ, na W’akan wͻn kan paa.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
وَكُلُّهُمۡ ءَاتِيهِ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فَرۡدًا
Wusᴐreԑ da no wͻn mu biara nko ara na εbεba Nehͻ.
ዓረብኛ ተፍሲሮች:
 
የመልዕክት ትርጉም ሱራ (ምዕራፍ): መርየም
የሱራዎች ማውጫ ገፅ ቁጥር
 
የተከበረው ቁርአን መልዕክተ ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማውጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

ለመዝጋት