Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ዩኑስ   አንቀጽ:
فَلَوۡلَا كَانَتۡ قَرۡيَةٌ ءَامَنَتۡ فَنَفَعَهَآ إِيمَٰنُهَآ إِلَّا قَوۡمَ يُونُسَ لَمَّآ ءَامَنُواْ كَشَفۡنَا عَنۡهُمۡ عَذَابَ ٱلۡخِزۡيِ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَمَتَّعۡنَٰهُمۡ إِلَىٰ حِينٖ
Adεn na kuro biara annye annie amma ne gyidie no ho amma mfasoͻ amma no? Gyesε Yona nkorͻfoͻ no (nko ara). Ɛberε a wͻgye diiε no Yɛyii animguaseε asotwee no firii wͻn so wͻ wiase asetena yi mu, na Yεmaa wͻtenaa ase gyee wͻn ani kͻpem εberε bi.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَوۡ شَآءَ رَبُّكَ لَأٓمَنَ مَن فِي ٱلۡأَرۡضِ كُلُّهُمۡ جَمِيعًاۚ أَفَأَنتَ تُكۡرِهُ ٱلنَّاسَ حَتَّىٰ يَكُونُواْ مُؤۡمِنِينَ
Sε wo Wura Nyankopͻn pε a, anka wͻn a εwͻ asaase soͻ no nyinaa bεgye adi. Na wobεhyε nnipa akͻpem sε wͻbεyε agyidiefoͻ anaa?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَا كَانَ لِنَفۡسٍ أَن تُؤۡمِنَ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ وَيَجۡعَلُ ٱلرِّجۡسَ عَلَى ٱلَّذِينَ لَا يَعۡقِلُونَ
Ԑmma sε ͻkra bi bεgye adi, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan ansa. Na Ɔde asotwee anaasε efii to wͻn a wͻnte asεm aseε anaa wͻnnwen no so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلِ ٱنظُرُواْ مَاذَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَمَا تُغۡنِي ٱلۡأٓيَٰتُ وَٱلنُّذُرُ عَن قَوۡمٖ لَّا يُؤۡمِنُونَ
(Nkͻmhyεni), kasε: “Monhwε deε εwͻ soro ne asaase soͻ no”. Nanso nsεnkyerεnee ne kͻkͻbͻfoͻ no ho amma mfasoͻ amma nnipa a wͻnnye nnie no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَهَلۡ يَنتَظِرُونَ إِلَّا مِثۡلَ أَيَّامِ ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلِهِمۡۚ قُلۡ فَٱنتَظِرُوٓاْ إِنِّي مَعَكُم مِّنَ ٱلۡمُنتَظِرِينَ
Enti deε wͻretwεn ara ne, wͻn a wͻdii wͻn anim kan kͻeε no nna no sεso? (Nkͻmhyεni), kasε: “Ɛneε montwεn, me nso meka mo ne wͻn a wͻretwεn no ho”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ثُمَّ نُنَجِّي رُسُلَنَا وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۚ كَذَٰلِكَ حَقًّا عَلَيۡنَا نُنجِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Afei Yεgyee Y’asomafoͻ no ne wͻn a wͻgye diiε no nkwa. Saa ara na εyε Yɛn asεde sε Yεgye agyidiefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِن كُنتُمۡ فِي شَكّٖ مِّن دِينِي فَلَآ أَعۡبُدُ ٱلَّذِينَ تَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَلَٰكِنۡ أَعۡبُدُ ٱللَّهَ ٱلَّذِي يَتَوَفَّىٰكُمۡۖ وَأُمِرۡتُ أَنۡ أَكُونَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Kasε: “Adasamma, sε moadwen nsi mo pi wͻ me som no ho a, εneε monhwε na moansom wͻn a mofiri Nyankopͻn akyi som no, na mmom monsom Nyankopͻn a Ɔma mo wuo no; na medeε yɛahyε me sε menka agyidiefoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَنۡ أَقِمۡ وَجۡهَكَ لِلدِّينِ حَنِيفٗا وَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Na gyina pintinn, na fa w’anim kyerε ͻsom a εtene no; na hwε na wankͻka abosomsomfoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَدۡعُ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَنفَعُكَ وَلَا يَضُرُّكَۖ فَإِن فَعَلۡتَ فَإِنَّكَ إِذٗا مِّنَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Hwε na wamfri Nyankopͻn akyi amfrε adeε a ɛnni mfasoͻ mma woͻ, anaasε ɛntumi mma wo ͻhaw, na sε woyε (saa) a εneε na woka abͻneεfoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ዩኑስ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት